Sɛ wone wo hokani anaa w’adamfo gyae nkɔmmɔdie a, ɛbɛtumi ama wo ne n’ayɔnkofa no aseɛ. Saa ara nso na sɛ yɛgyae mpaebɔ a, yɛne Onyankopɔn ntam sɛeɛ. Bible no ma yɛn nhwɛsoɔ fa mpaebɔ mu akunini binom te sɛ Daniel ne ne mfɛfoɔ, Dawid, Yosef, Mose, Henok ne Hiob. Ɛhia sɛ yɛsua wɔn nhwɛsoɔ no, na ama yɛatumi atu anamɔn pa wɔ yɛne Onyankopɔn ayɔnkofa mu.
Daniel ho asɛm hyɛ aseɛ firi ne nnomumfa mu wɔ Babilon ahenfie. Ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔremfa ɔhene nnuane ne nsa a ɔnom ngu ne ho fi, enti ɔsrɛɛ apiafoɔhene no, na wangu ne ho fi. Na Daniel yɛ nyansani a, Awurade Honhom wɔ ne so. Berɛ a Nebukadnesar hyɛɛ sɛ wɔnkum Babel anyansafoɔ no, Daniel hwehwɛɛ Nyankopɔn nkyɛn mmoa, na Ɔyii daeɛ no kyerɛɛ Daniel, na ɔdaa Onyankopɔn ase. Na Daniel bɔ mpaeɛ dakoro mprɛnsa. Ɛnam ne nokwaredie ahotosoɔ nti Onyankopɔn gyee no firii gyata amena mu.
DWOADA: MPAEBƆ MU YƐBEA / MPAEBƆ YƐBEA NO. (Dan. 6:6-10, Luk. 22:41, Asom. 7:60, 9:40)
Mpaebɔ yɛ nnipa ne Nyankopɔn nkitahodie. Ɛsɛ sɛ ɛtoa so berɛ ne berɛ biara. Sɛ yɛkɔ yɛn nkotodwe anim berɛ biara a, ɛkyerɛ ɔbonsam sɛ yɛyɛ Onyankopɔn dea. Sɛ yɛbɔ mpaeɛ a, Nyankopɔn soma abɔfoɔ ba yɛn nkyɛn, na yɛnya ahobammɔ ne nkataho firi sum mu atumfoɔ no ho. Nkotodwe a yɛbuo no kyerɛ ahobraseɛ yɛbea. Sɛ wobɛtumi abu nkotodwe nanso wontaa nyɛ a, firi aseɛ sua sɛ wobɛyɛ saa. Sɛ woba asɔre a, nea wɔbɛkyerɛ wo sɛ yɛ no, so woyɛ anaa?
BENADA: HENOK NANTE KASAEƐ. (Gen. 5:22-24)
Bible no ka sɛ Henok ne Onyankopɔn nantee mfirinhyia ahaasa (300) kɔsii sɛ Nyankopɔn faa no kɔɔ soro. Adeɛ baako a yɛnim fa Henok ho ne sɛ, "na ɔkura mpaebɔ mu ara". Ne bra a adwumaden wɔ mu no, Henok maa ɔne Nyankopɔn ntam nkitahodie no tenaa hɔ. Sɛ ɔtena ne manfoɔ no nkyɛn, nam ateneatene ne nhwɛsoɔ so boa wɔn a, ɔtwe ne ho nya berɛ kɔtena koom bea bi ne Nyankopɔn di nkitaho. Sɛnea Mose anim hyerɛn no, saa ara na ɔsoro animuonyam no hyerɛn Henok anim.
Ɛwom sɛ na Henok ne Nyankopɔn ayɔnkofa no mu yɛ den deɛ, nanso na Mose ne Nyankopɔn ayɔnkofa no kyɛn so. Na Mose yɛ ahobraseni a, na ɔman mu no nyinaa fawohodie da n’akoma soɔ. Mose bɔɔ dima mpaeɛ berɛ a ɔman no nam Aaron a na anka ɛsɛ sɛ ɔgyina si saa nneyɔeɛ no ho kwan no. Ɔsane nso bɔɔ dima mpaeɛ maa Miriam, srɛɛ ayaresa berɛ a ɔyaree kwata ɛnam ne kasatia nti. Mose de ne nkwa too hɔ maa Ɔman no.
YAWOADA: MOSE DI MA ƆMAN BI. (Exod. 32:31-32)
Mose de akokoɔduro di maa Nyankopɔn man mprɛ pii. Berɛ a na ɛkɔm de ɔman no, berɛ a wɔnam ateetee a ɛmu yɛ den mu. Berɛ a akwansrafoɔ no firii bɔhyɛ asase so baeɛ no, Mose kaa sɛ “Na mehwee Awurade anim ase adaduanan ne anadwo adaduanan, na mehwee ase ɛfiri sɛ na Awurade aka sɛ Ɔrebɛsɛe mo”. Mose kaee Nyankopɔn wɔ N’apam ho, Ɔgyee Nyankopɔn bɔhyɛ maa ne manfoɔ na ɔkaee Nyankopɔn akwankyerɛ wɔ mmerɛ a atwam no. Na Mose taa bɔ ahofama dima mpaeɛ ma ankorɛkorɛ ne ɔman mu no nyinaa.
TƆFA:
Yɛbɛtumi ne Nyankopɔn anya ayɔnkofa berɛ a yɛbɛfiri aseɛ abu yɛn akoma mu de nkotodwe de ahunu abɔ mpaeɛ. Te sɛ Daniel no, yɛbɛtumi afa dabiara nkotodwebuo so agyina pintinn anaa ayɛ nokwafoɔ a ɛmfa ho ne ɔtaeɛ no. Te sɛ Henok no, yɛbɛtumi apaw sɛ yɛne Nyankopɔn bɛdi nkɔmmɔ na yɛnante, na yɛatwa yɛn ani ahwɛ No ansa na yɛayɛ adwuma. Sua mpaebɔ a yɛbɔ no ahobraseɛ mu na bɔ no pii. Amen.
