NKAEBƆSƐM: Nkurɔfoɔ, momfa mo ho nto Ne so daa. Monyi mo yam nkyerɛ No, Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔhyɛbea. (Dw. 62:8)
Mpaebɔ abrabɔ ho wɔ nsɛmmisa pii. Mprɛ ahe na wɔbɔ mpaeɛ? Wobɔ mpaeɛ dabiara anaa berɛ a woanya haw? So wo mpaebɔ ne sɛ worehwehwɛ biribi anaa woyi Nyankopɔn ayɛ wɔ wo mpaebɔ mu nso? Hunu sɛ Onyankopɔn te yɛn mpaeɛ, na Ɔyi yɛn ano wɔ Ne berɛ mu ne Ne kwan pa so, ɛwom sɛ ɛtɔ da a yɛntaa nnya mmuaeɛ sɛnea yɛpɛ no pa ara.
KWASIADA : ELIA - REBƆ MPAEƐ AHOHIAHIA BERƐ MU. (1 Ahemfo 19:1-18)
Wɔ Bepɔ Karmel so no, Baal adiyifoɔ no antumi amma ogya ammɛhye wɔn afɔreɛ no. Nanso Nyankopɔn a Ɔtie Ne mma nokwafoɔ mpaebɔ no, maa ogya bɛhyee Elia afɔreɛ no. Ɛwom sɛ Elia nam Nyankopɔn tumi so dii nkonim saa da no deɛ, nanso akyire yi, ɔmaa owuo ho hu hyɛɛ ne gyidie a na ɔwɔ no Nyankopɔn mu no so. Elia de ayamhyehyeɛ dwanee Isebel. Berɛ a ɔbɔɔ mpaeɛ no, Awurade brɛɛ no aduane ne nsuo, na Ɔsane nso hyɛɛ no den.
DWOADA: (BERƐ A) AYƐ SƐ WONNYA MPAEƐ HO ANOYIE. (Mat. 7:7, 1 Yoh. 5:14)
Ebia na woabɔ adeɛ bi ho mpaeɛ akyɛ, nanso ayɛ sɛ Nyankopɔn antie. Tɔ kɔ so ara na ɛberɛ a ɛsɛ mu, Ne pɛ so, wo nsa bɛka anoyie. Ɛtɔ da a, yɛn mpaeɛ anoyie mma ntɛm sɛnea yɛpɛ anaa sɛdeɛ yɛhwɛ anim sɛ ɛmmra. Kenkan Bible afutuo yi: Gyae Nyankopɔn pɛ mu ma No. Kari adwen a ɛtae ahwehwɛdeɛ no akyire. Dwene sɛ wo di bɔne bi akyi a. Nya gyidie , berɛ wo ho ase, tɔ kɔ so, na kae sɛ Ɔnim nea ɛyɛ ma yɛn , na Ɔdwene yɛn ho nso.
Asuafoɔ no hunuu sɛ nsonosonoeɛ da Yesu ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ntam ɛnam Ne mpaebɔ nti. Wɔserɛɛ sɛ Yesu nkyerɛ wɔn mpaebɔ. Yesu kyerɛɛ sɛ:
*Yɛn Agya a Ɔwɔ soro: woregye nnipa nyinaa Agya no atom.
*Wo din nte: Rehunu Onyankopɔn Kronkronyɛ.
*W’ahennie mmara: Honhom Kronkron mmɛtena wo mu nkɔpem sɛ Ɔbɛba.
*Nea Wo pɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ wɔ ɔsoro: Nyankopɔn pɛ nyɛ hɔ wɔ yɛn bra mu.
*Ma yɛn daa aduane nnɛ: Yɛrebisa nea yɛbɛhia de atena ase, honam (aduane ne nsuo) ne honhom (Yesu ne ne nkwa nsɛm) nyinaa.
*Fa yɛn aka kyɛ yɛn sɛnea yɛde kyɛ wɔn a wɔde yɛn aka no.
*Mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, Na yi yɛn firi bɔne mu: Resrɛ ahobammɔ ne nkataho atia bɔne.
*Na wo na ahennie ne ahoɔden, ne animuonyam yɛ Wo dea daa - Amen
WUKUADA: AYƐYIE, BƆNEKA, ABISADEƐ AHOROƆ, ASEDA. (Dan. 9:4-19)
Na Daniel mpaeɛ no wɔ nkyekyɛmu nan. Ayeyie, Bɔneka ne Bɔnefakyɛ, Abisadeɛ ahoroɔ ne Aseda.
1. Ayeyie yɛ sɛ yɛreda Nyankopɔn su ne Ne tumi nwanwasoɔ no adi. Yɛn Gyefoɔ, Agyenkwa, Yaresafoɔ, Ahene mu hene, Ɔbotantim, Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ, Mpaebɔ Tiefoɔ.
2. Bɔneka ne Bɔnefakyɛ, ɛsɛ sɛ yɛka yɛn bɔne na yɛde firifirii yɛn ho yɛn ho
3. Abisadeɛ ahodoɔ; Ɛsɛ sɛ yɛka adeɛ pɔtee a yɛrehwehwɛ ho mmoa na yɛgyae yɛn pɛ mu ma Awurade pɛ.
4. Aseda; Nea ɛbɛsie biara wɔ yɛn abisadeɛ ho no ɛsɛ sɛ yɛda Awurade ɛho ase.
YAWOADA: MPAEBƆ HO NSƐMMISA NKAEƐ.
Adɛn nti na wobɔ mpaeɛ berɛ a Nyankopɔn nim dada? Yɛbɔ mpaeɛ de kyerɛ sɛ Nyankopɔn ne yɛn Hene a yɛte Ne nan ase. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wobɔ mpaeɛ berɛ a biribiara rekɔ yie? Sɛ yɛbɔ Awurade aseda saa no a, na yɛde animuonyam rema Awurade sɛnea ɛkɔ so nam Ne tumi so. Gyidie dwumadie wɔ mpaebɔ mu ne sɛn? Sɛ wonni gyidie wɔ obi mu a, yɛnsrɛ ne hɔ adeɛ. Wo nko ara bɛtumi abɔ mpaeɛ, abusua , ekuo, asafo ne asɔfokuo bɛtumi abɔ mpaeɛ abom. Nya adwene sɛ Awurade ma mpaebɔ biara ho mmuaeɛ
TƆFA: Bible no ka nnipa binom ho asɛm a na wɔn daadaa mpaebɔ tim hɔ na ɛmu yɛ den. Yesu yɛn gyidie mu Kannifoɔ ne ne wiefoɔ yɛ nhwɛsoɔ papa ma yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛnya adaagye wɔ yɛn daadaa dwumadie mu ne Awurade di nkitaho wɔ mpaebɔ kwan so. Saa na Awurade bammɔ bɛtumi aba yɛn so.
