Worship • Fellowship • Mission
Wiamoase New Town, Wiamoase Ashanti, Ghana
Guidance
Bible
mail us on
info@wiamoasenorthdistrictadventists.org
Make a Call
+233 548 861 500
Submit prayer requests
contact us
blog
Home » Sabbath School  »  Mpanimfoɔ Homeda Sukuu Adesua A Ɛdi Kan (1) Tɔfabɔ.
Mpanimfoɔ Homeda Sukuu Adesua A Ɛdi Kan (1) Tɔfabɔ.
ADESUA 1: ƆBƆADEƐ NO KASA

NKAEBƆSƐM: “Onyankopɔn a tete no Ɔnam mmerɛ hodoɔ ne su hodoɔ so kasa kyerɛɛ agyanom, adiyifoɔ no mu no, nna ɛdi akyire yi mu no, ɔkasa kyerɛɛ yɛn, Ɔba a wayɛ no nnoɔma nyinaa ɔdedifoɔ a Ɔnam ne so yɛɛ mmerɛ santen no mu.” (Heb. 1:1,2)  

Onyankopɔn bɔɔ nnipa sɛnea ɛbɛyɛ a Ɔne wɔn bɛnya anim ne anim nkitahodie. Bɔne na ɛsɛeɛ saa ayɔnkofa denden yi. Onyankopɔn dɔ a ɔwɔ ma yɛn nti, Ɔfaa kwan foforɔ so nam N’adiyifoɔ so de ayɔnkofa no sii hɔ bio. Saa adiyifoɔ papa yi, Onyankopɔn ankasa na Wato Ne bo ase ayi wɔn sɛ Ne kasamafoɔ a, wɔda Ne nsɛm adi kyerɛ yɛn. Saa adiyifoɔ yi bi so na Ɔnam twerɛɛ Bible no.  

KWASIADA : NKITAHODIE A ƐKƆƆ SO WƆ EDEN. (Gen. 1:27-28, 2:15-17, 3:9)

Onyankopɔn de nnipa a Ɔbɔɔ wɔn no, Adam ne Hawa kɔtenaa Eden turo mu. Na Ɔne wɔn di nkitaho, anim ne anim dabiara wɔ anwummerɛ mferɛ mu. Wɔtumi ne Onyankopɔn dii ahyiam tiee Ne nkyerɛkyerɛ. Onyankopɔn de turo no mu nsiesie hyɛɛ wɔn nsa. Onyankopɔn de Ne homeda no sii hɔ, de wiee N’adebɔ no. Enti homeda biara na Ɔne Ne mma no di ahyiam anigyeɛ so.  

DWOADA: REHINTA AFIRI ONYANKOPƆN ANIM. (Gen. 3:1-8, Yer. 23:24, Heb. 4:13)

Onyankopɔn bɔɔ Adam ne Hawa wɔ kronkronyɛ mu. Na yɛn awofoɔ yi wɔ ɔpaw ho tumi sɛ wɔbɛtie anaa wɔntie Ɔbɔadeɛ no. Satan nam ɔwɔ so daadaa Hawa maa wɔdii aduaba a wɔahyɛ wɔn sɛ wɔnnie no, na ɔde bi kɔ maa Adam; na ɔno nso dii. Wɔn animuonyam hann ntoma no pa firii wɔn ho. Wɔdedaa adagya, na wɔde borɔdɔma ahahan yɛɛ nkata anim fae. Wɔkɔhinta firii Onyankopɔn anim. Asoɔden de mmusuo ba.  

BENADA: ONYANKOPƆN HWEHWƐ NNIPA. (Luke 15:11-32, Gen. 3:9-10)

Onyankopɔn na Ɔtuu anammɔn hwehwɛɛ Adam ne Hawa ɛberɛ a Wɔkɔhintaɛ no. Onyankopɔn mpa aba wɔ adasamma ho. Ɔfa kwan biara so sɛ Ɔde yɛne Ne nkitahodie no bɛsi hɔ bio. Wɔde Onyankopɔn toto Agya a, ɔsane gyee ne ba a, ɔde n’agyapadeɛ kɔbɔɔ ahohwie no ho. Sɛnea Yesu de Petro a ɔsanee mprɛnsa sɛ ɔnnim No no mfomsoɔ kyɛɛ no no, Saa na Onyankopɔn yɛ Ne mma. Yɛn anidasoɔ koro pɛ ne ɔgyeɛ a ɛnam Kristo Yesu mu no.  

WUKUADA: WƆTUU WƆN FIRI TURO NO MU. (Gen. 3:14-24, Exo. 19:16-22)

Adam ne Hawa bɔne no de ntetemudie baa wɔne Onyankopɔn ntam. Wɔtuu wɔn firii turo no mu. Bɔne nti Wadome yɛn wiase yi sɛ, asase no bɛfifiri nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnsee. Nnipa bɛte yea, asam fifire ansa na wɔanya aduane adi. Owuo na ɛbɛyɛɛ yɛn abrabɔ awieɛ. Onyankopɔn dɔfoɔ no maa Adam ne Hawa nkwagyeɛ anidasoɔ bɔhyɛ ansa na wɔrefiri turo no mu. Onyankopɔn maa wɔn nkataho foforɔ a, ɛgyina hɔ ma daakye nkwagyeɛ.  

YAWOADA: ONYANKOPƆN AKASAMAFOƆ. (Heb. 1:1-2, Rom. 1:19-20, Num. 12:6, 2 Tim. 3:16-17, Yoh. 14:7-9, 10:27-30)

Bɔne nyinaa akyi no Onyankopɔn faa akwan foforɔ so ne nnipa a, ahwe aseɛ no dii nkitaho. Nea ɛdi kan, Ɔnam adebɔ so, afifideɛ, nnuaba, nsuo mmepɔ ne ewiem nnoɔma ahoroɔ so kasa. Nea ɛtɔ so mmienu, Ɔnam adiyifoɔ so kasa. Adiyifoɔ mu mu dodoɔ no ara twerɛɛ nea yɛfrɛ no Twerɛ Kronkron no. Onyankopɔn ma yɛn akwankyerɛ, ahyɛdeɛ ne afutuo wɔ Twerɛ Kronkron no mu. Sɛnea Onyankopɔn hwehwɛɛ Adam ne Hawa no, Saa ara na Kristo se Ɔrebɛhwehwɛ na Wagye nea ayera.  

TƆFA: 

Onyankopɔn kɔ so ara kasa kyerɛ nnipa. Na N’Asɛm bɛtoa so ada adi ɛnnɛ mmerɛ yi mu kɔsi sɛ Kristo bɛsane aba bio. Amen https://whatsapp.com/channel/0029VaW8PFWEAKWGqUGKyr0Ep