NKAEBƆSƐM: Saa ara na M'asɛm a ɛfiri M'anomu bɛyɛ: Ɛrensane mma Me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea Mepɛ na ɛwie nea enti a Mesomaa no. (Yes. 55:11)
Berɛ bi Martin Luther kaa sɛ ɛyɛ no ahopere sɛ wɔbɛhunu nea ɛwɔ Bible no mu ne nea ɛwɔ de ma no. Saa ara na ɛyɛ adasamma nyinaa asɛdeɛ sɛ wɔbɛkenkan Bible no berɛ biara de apɛ nimdeɛ ne akwankyerɛ pa wɔ yɛn asetena mu. Obiara a ɔnni Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ Bible no mu nimdeɛ no tumi bɔ bra funu de sɛe asɔmdwoe.
KWASIADA : ƐBERƐ. (Yoh. 15:1-8) Bible kenkan ne mpaebɔ dabiara. Ɛnsɛ sɛ yɛde nteateamu de mpepereho ne ntɛmpɛ yɛ no ɔhare so. Ɛsɛ sɛ yɛnya adagyeɛ de ahobraseɛ de osuaani adwene ne mpaebɔ srɛ Honhom Kronkron no akannie wɔ saa dwumadie no mu. W’ankasa kɔ baabi a ɛhɔ yɛ dinn, na tena ase, fa ahobraseɛ bɔ mpaeɛ srɛ Honhom Kronkron. Fa ahobraseɛ kenkan na fa ahobraseɛ ne Awurade nkasa
DWOADA: BEAEƐ BI. (Mk. 1:35, 1 Ber. 16:11) Na Ɔsɔree ahemadakye firii adi, na Ɔkɔɔ serɛ so baabi, na ɔkɔbɔɔ mpaeɛ wɔ hɔ”. Nea Yesu a Ɔyɛ yɛn nhwɛsoɔ yɛeɛ ne sɛ, ɔtee Ne ho kɔtenaa baabi a ɛhɔ yɛ dinn, sɛnea ɛbɛyɛ a Ɔbɛtumi ne N’Agya atena adi nkitaho. Na Yesu gye ahoɔden ne Tumi firii N’Agya hɔ da biara anɔpa. Ɔhene Dawid kaa sɛ “ Mompɛ Awurade ne ne tumi akyiri kwan, monhwehwɛ n’anim daa daa . Yesu nan ase tena yɛ beaeɛ papa a ɛsɛ sɛ wotena, na ɛsɛ sɛ yɛ wo su sɛ wobɛkɔ hɔ da biara. Anɔpa asɔrekɔ ho hia yie pa ara.
BENADA: REBƆ BIBLE SUA HO MMƆDEN. (Dw. 119:105) Wonhia sɛ mpo wobɛyɛ nwomanimfoɔ ansa na woasua Bible no. Ɛyɛ ɔpɛ pa ne ahobraseɛ ne mpaebɔ na yɛde sua. Fa saa akwankyerɛ yi so: 1. Bɔ mpaeɛ srɛ sɛ Honhom Kronkron no mfa w’adwene na ɔnni w’anim mmubu w’akoma adesoa no mu. 2. Paw Bible no nwoma anaa nyitohɔsɛm bi a wopɛ sɛ wosua. Hyɛ nsɛmtire no nso. 3. Twerɛ nyitohɔsɛm no anaa emu nsɛmtitire a wohunuiɛ berɛ a, na worekenkan no gu baabi 4. Fa mpaebɔ kenkan na sensan nea ɛhia no ase 5. Srɛ ahoɔden a wode bɛdi nsɛm no so, na paw obi a wone no bɛkyɛ.
WUKUADA: NHYIRA MMƆHO BI. (Yes. 50:4) Awurade Nyankopɔn ama me asuafoɔ tɛkyerɛma sɛ menhunu sɛdeɛ mede asɛm bɛwowa deɛ wabrɛ, ɔnyane me daa anɔpa, ɔbue m’aso ma me, sɛ memfa mentie sɛ asuafoɔ “. Nhyira a ɛyɛ mmɔho no yɛ sɛ, sɛ yɛne afoforɔ kyɛ na yɛsusu ho a, Honhom mu nkɔmmɔ no siesie yɛn, na ɛhyɛ yɛn baanu no den. Bible no yɛ nkrasɛm a ɛhia sɛ yɛne afoforɔ kyɛ no dabiara . Sɛ nnipa dodoɔ resua a, nkyerɛkyerɛmu ne mfatoho ahoroɔ no ma yɛnya nteaseɛ na ɛhyɛ ankorɛkorɛ nso nkuran.
YAWOADA: ƐYƐ SƐ! (Nw. 119:104, Yes. 55:1-13) “Sɛdeɛ Wo nsɛm si yɛ me dodom dɛ! Ɛsene sɛdeɛ ɛwoɔ yɛ m’anom” . Wo nsiesie mu na menya nhunumu, enti mekyiri nkotompo kwan nyinaa”. Nyankopɔn asɛm te ase na tumi wom, ɛyɛ ayaresa aduro, ebue agyidifoɔ akoma, adwene ne ɔkra mu ma enyini Kristo mu. Sɛ wone Nyankopɔn ntam atwe a, wobɛtumi akɔ wo nkotodwe anim, abue N’asɛm mu, na wode ahobraseɛ anom nkwa asutire no amee.
TƆFA: Ankasa Bible adesua boa ma yɛne Nyankopɔn ntam ayɔnkofa no tim na ɛtena hɔ daa. Sɛnea yɛnam akwan ahoroɔ so ma ayɔnkofa bi ase tim no saa ara na ɛsɛ sɛ yɛpaw akwan ahoroɔ ma yɛn daa daa som tim wɔ Yesu mu. Daa daa anɔpa sɔre ne anwummerɛ mpaebɔ ho hia. https://whatsapp.com/channel/0029VaW8PFWEAKWGqUGKyr0E
