ADESUA 2: ODIYIFOƆ FRƐ
NKAEBƆSƐM: Na metee Awurade nne sɛ ɔse: Hwan na mensoma no na hwan na ɔbɛkɔ ama yɛn? Na mese: meni, soma me! (Yes. 6:8)
Na adiyifoɔ tae di akotene wɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ abakɔsɛm mu. Nanso, sɛ obi bɛyɛ odiyifoɔ yɛ ɔfrɛ a na ɛyɛ den. Ɛfiri sɛ na wɔn abrabɔ ntaa nyɛ ahogono, na ɛyɛ awerɛhoɔ, ateetee ne afiasɛ nna. Wɔbuu wɔn ani guu wɔn so, dii wɔn ho fɛw, wɔhwee wɔn, sii afoforɔ aboɔ, kum wɔn sɛ mmoa. Na wɔn nsɛm taa yɛ daakye atemmuo ne nneɛma bɔne ho kɔkɔbɔ.
KWASIADA: ABRAHAM, APAM NO BAMBƆFOƆ. (Gen. 15:6, Gal. 3:6-9, Heb. 11:8)
Sɛdeɛ Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ, na wɔbuu no tenenee maa no no, saa ara na amanamanmuni biara a ɔbɛgye Yesu Kristo adi no, wɔbɛhyira ɔno ne ɔgyidini Abraham abom. Onyankopɔn sɔɔ Abraham gyidie hwɛɛe berɛ a Wɔfrɛɛ no sɛ ɔmfa Isak nkɔbɔ afɔreɛ mma No. Abraham yɛɛ setie a, anka ɔde Isak rebɛbɔ afɔreɛ no, Onyankopɔn maa no odwan sii ne ba no ananmu. Wɔfrɛɛ adiyifoɔ no dodoɔ no ara sɛ wɔmmɔ nnipa kɔkɔ sɛ wɔnna Ne suban pa adi na wɔnka atemmuo a ɛbɛba ho asɛm nkyerɛ wiase.
Onyankopɔn somaa Elia de ɔtoma a honhom ahyɛ ma sii Israelfoɔ a na wɔwɔ ahonisom mu no anim, sɛ wɔnnya atorɔ anyame no akyiridie, na wɔnsane mmra Awurade nkyɛn. Onyankopɔn hyɛɛ N’asɔfoɔ sɛ wɔnka Elia nkrasɛm no bio, na nnipa nnane mfiri wɔn "ahoni" ne wɔn abosom huhuo ho, na wɔnyɛ krado sɛ wɔbɛsom Awurade. Ɛsɛ sɛ nkanyan firi akoma ne afie mu. Nkanyan a ɛwɔ afie mu no ma ɔsoro dɔ trɛ ka asafo no, na ɛhyɛ ɔsoma adwuma no ho nkuran.
BENADA: YESAIA, ASƐMPA DIYIFOƆ NO. (Yesaia 53)
Onyankopɔn ankasa na ɔfrɛɛ Yesaia. Yesaia hunuu sɛ ɔmfata, Onyankopɔn somaa ɔbɔfoɔ na ɔde nsramma firi soro bɛkaa n'ano de yii n'amumuyɛ no ho. Yesaia gyee ɔpene sɛ ɔbɛkɔ Awurade soma. Yesaia nkɔmhyɛ kaa Mesaia a ɔbɛba, Ne botaeɛ ne Ne soma dwumadie ho asɛm. Ɔkyerɛkyerɛɛ sɛnti a wɔde Kristo kɔɔ sɛ adwammaa a wɔrekɔ akɔku no, Ne dima afɔrebɔ, ne sɛ Osii yɛn ananmu wu gyee yɛn nkwa. Ɔbɔɔ foforɔyɛ atentenenee ne ahiafoɔ nhyɛsoɔ ho dawurɔ nanso ɔman no poeɛ.
Daniel daa nokorɛdie ho nhwɛsoɔ adi. Ɔgyinaa mu dendeenden sɛ ɔbɛdi nhahamma na wɔanom nsuo sɛne sɛ ɔbɛdi aduane a wɔakum ama abosom ne nsa a ɛfiri ɔhene pono so. Daniel nkɔmhyɛ ahoroɔ no wɔ hɔ sɛ ɛbɛbɔ yɛn nkaeɛ berɛ biara ama yɛn ani ada hɔ na yɛadi Onyankopɔn ahyɛdeɛ so. Daniel nam ne nkɔmhyɛ ahoroɔ no so daa Onyankopɔn nhyehyɛɛ ne N'ahennie no nkonimdie a ɛtwa toɔ adi. Wɔ Daniel nkɔmhyɛ mu no, yɛhu dadeɛ ne dɔteɛ a ɛrentumi nnya afraɛ no berɛ so. Nea aka a yɛretwɛn ne Ɔboɔ a ɛgyina hɔ ma Yesu a ɔreba no.
Yohane Suboni kaa adwensakyera asubɔ a ɛde kɔ bɔne fafirie mu, maa n'atiefoɔ no atirimudensɛm ho ntoma paae. Satan antumi antwe Yohane Suboni no amfiri ne nokorɛdie ne n'ahotosoɔ wɔ Mesaia no mu hɔ. Yohane ante aseɛ wɔ sɛnti a ɛsɛ sɛ ɔkɔ da afiase, berɛ a na Yesu wɔ tumi sɛ ɔyi no. Yesu maa Yohane tee aseɛ sɛ wɔbɛsiesiee Awurade kwan, enti sɛ ɔreyɛ adwuma a, na ɔno Yohane nso awie n'adwuma. Yohane nyaa penee wɔ Yesu nsɛm no mu.
FIADA: WƆAFRƐ YƐN KƆ ADIYIE SOM ADWUMA MU.
Onyankopɔn frɛɛ adiyifoɔ wɔ berɛ pɔtee bi ma botaeɛ soronko. Memenda Akwanhwɛfoɔ gye di sɛ na Ellen G. White yɛ emu bi a. Ahinime (Oct.) 22, 1842, William Miller gyinaa Twerɛsɛm so sɛ, mpata da no bɛyɛ da a Kristo de bɛba asase yi so, nanso Kristo amma, na ɛmaa Miller akyidifoɔ no hyiaa abakɔsɛm mu awerɛhosɛm baako a yɛfrɛ no Hwammɔdie kɛseɛ. Ne saa so no, wɔfrɛɛ Ellen G. Harmon a na wadi mfeɛ Dunson (17) de adiyie som adwuma maa no, na wɔamfa no ahogono so ne titire ahyɛseɛ no. Ɛwom sɛ wɔde no nkakrankakra gyee akyɛdeɛ yi too mu nanso ɔsuroo sɛ ɔbɛba abɛyɛ Onyankopɔn somafoɔ. https://whatsapp.com/channel/0029VaW8PFWEAKWGqUGKyr0E
