NKAEBƆSƐM: Na Adom akyɛdeɛ no gu ahoroɔ, nanso Honhom korɔ no ara a. Na ɔsom nnwuma nso gu ahoroɔ, nanso Awurade korɔ no ara. Na dwumadie nso gu ahoroɔ, nanso Onyankopɔn no ara na Ɔdi dwuma no nyinaa wɔn nyinaa mu. (1 Kor. 12: 4-6)
Onyankopɔn nam adiyifoɔ so kasae wɔ Apam dada ne Apam foforɔ no mu. Na wɔn nsɛm no nyinaa wɔ ayɔnkofa ne ntoasoɔ ɛfiri sɛ, na ne nyinaa firi Honhom Kronkron mu. Berɛ nyinaa Honhom Kronkron no ma nokorɛ Adiyifoɔ tumi, berɛ a ɛnam adiyie akyɛdeɛ no ba wɔn soɔ. Adiyifoɔ no nsɛm nyinaa nyinasoɔ ne Kristo a ɔde asomdwoeɛ ahennie bɛtim hɔ afebɔɔ so.
KWASIADA : YESU, SƐ ODIYIFOƆ. (Mat. 16:13-16, Mk. 8:27-29, Lk. 9:18-20)
Mose nso kaa sɛ “Odiyifoɔ a ɔte sɛ me na Awurade mo Nyankopɔn bɛma No soɔ ama mo wɔ mo nuanom mu, Ɔno na montie no, sɛnea Ɔbɛka akyerɛ mo nyinaa.” Bible di Yesu ho adanseɛ sɛ ɔyɛ Odiyifoɔ. Apam foforɔ mu foɔ nso hunuu No sɛ Yohane subɔni, ebi se Elia na ebinom nso se Yeremia. Yesu nyɛ Odiyifoɔ nko, na mmom Ɔyɛ Ɔboadeɛ nso. Ɔyɛ yɛn Agyenkwa, ne wiase hann nsutire. Ne nsɛm yi wiase sum firi hɔ. Ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase wɔ hann a Ɔde akyɛ yɛn kwa nko ara ho.
DWOADA: ASOMAFOƆ NE ADIYIFOƆ. (Efe. 2:20, 3:5)
Asomafoɔ ne Adiyifoɔ nyinaa Onyankopɔn na Ɔfrɛ wɔn. Asomafoɔ yɛ asɛmpakafoɔ, Paulo yɛɛ adwuma sɛ ɔsomafoɔ. Asuafoɔ dumienu no nyinaa, Yesu yɛɛ wɔn asomafoɔ. Adiyifoɔ yɛ wɔn a wɔda Onyankopɔn tirimpɔ adi. Ɛtɔ mmerɛ bi a, Awurade pɛ mu, Ɔma adiyifoɔ yɛ ɔsomafoɔ adwuma wɔ botae bi ho. Ɛwom sɛ na asɔfoɔ nso Awurade na na Ɔfrɛ wɔn, nanso na wɔn asɔfodie firi agya so kɔ mma so. Asomafoɔ, Adiyifoɔ ne Asɔfoɔ nsɛm nyinaa ɛsɛ sɛ ɛsi Kristo a, Ɔde atemmuo reba wiase no so.
BENADA: APAM FOFORƆ ADIYIFOƆ DWUMADIE AHOROƆ. (1 Kor. 14:3, Efe. 4:11-13, Adi. 22:6)
“Na nea ɔhyɛ nkɔm deɛ, ɔka nkɔsoɔ nsɛm ne afutuo ne awerɛkyekyerɛ kyerɛ nnipa.” Wɔka adiyifoɔ ho asɛm wɔ asomafoɔ no akyi sɛ, wɔn nso nyaa adiyisɛm firii Onyankopɔn hɔ. Adiyie dwumadie nyinaa firi Honhom Kronkron, na wakyekyɛ no sɛnea Ɔpɛ ama Kristo nnipadua no sie akɔ so. Ɛbi yɛ Asomafoɔ, Asɛmpakafoɔ, Asɔfoɔ, Akyerɛkyerɛfoɔ. Obi nso Wama no ayaresa, Obi nso Wama no nyansasɛmka ne nkuranhyɛ. Obi nso tumidie ne mpaninnie. Wɔn nyinaa boa asafo no nkankɔ. Ɛdeɛn ne wo honhom akyɛdeɛ?
WUKUADA: MMAA ADIYIFOƆ NE ASƆFOƆ NKUMAA. (Lk. 2:36-38, Asom. 21:9)
Apam Foforɔ berɛ mu no, adanseɛ kann wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ mmaa yɛ adiyifoɔ. Anna ne nea odi kan a wɔfrɛ no Odiyifoɔ baa Apam foforɔ no mu. Na Ɔde mmuada ne mpaebɔ som Onyankopɔn, yii No ayɛ berɛ biara. Asomafo Nnwuma nso ka sɛ na Philip wɔ mmabunu mmaa nan a, wɔhyɛ nkɔm. Wɔantoa so anka wɔn ho nsɛm. Adiyifoɔ mmaa yi akyi, wɔka Timoteo ne Tito ho nsɛm sɛ na wɔyɛ asɔfoɔ nkumaa a Paulo maa wɔn afutuo ne nkuranhyɛ wɔ wɔn som adwuma no yɛ mu.
YAWOADA: ADIYIFOƆ ATOROFOƆ A WƆWƆ APAM FOFORƆ NO MU. (Mat. 24:23-24, Efe 6:10-18)
Apam foforɔ mu no, wɔde atorɔ adiyifoɔ toto “mpataku adufudepɛfoɔ a wɔda adi nnwanten nwoma mu”. Yesu kaa sɛ, “Na adiyifoɔ atorofoɔ bebree bɛsɔre, na wɔabɛdaadaa nnipa bebree, sɛ ɛbɛtumi a, anka wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn mpo.” Paulo tu yɛn fo sɛ, yɛntena ase wɔ gyidie mu. Na yɛmfa tenenee nkataboɔ nhyɛ, yɛmfa yɛn ho nhyɛ Honhom Kronkron no nsa, na yɛmfa adwenemu teɛ nkura Onyankopɔn asɛm sua ne ne yɛ mu.
FIADA: WOREMA YESU NE N'ASƐM NO AYƐ NNYINASOƆ
Onyankopɔn nam n’asɛm so kyerɛ yɛn ɔkwan pa. Yesu baa wiase sɛ ɔrebɛkyerɛ yɛn Onyankopɔn dɔ na wagye yɛn nkwa. Ellen G. White kyerɛkyerɛɛ Yesu ne Bible no mu nsɛm ɛwɔ ne nwoma num a agye din mu (a ebi ne The Desire of Ages, The conflict of the ages, Steps to Christ, Selected Messages ne Manuscript). Ɔpɛɛ sɛ obiara kenkan Bible no na ɔte ase yie. Bible no ne yɛn gyidie nnyinasoɔ. Ɛnsɛ sɛ yɛgye biribiara di a, ɛne Bible no nhyia.Sɛ yɛpɛ sɛ yɛte Bible no ase a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛnea ɛkyerɛ yɛn Yesu ne Ne nkwagyeɛ adwuma no.
ADESUADEƐ: Momma yɛmfa Yesu ne N’asɛm nyɛ yɛn akwankyerɛ. Yɛnkenkan Bible no, yɛnyɛ nea ɛkyerɛ yɛn, na yɛmfa yɛn ho nhyɛ Yesu nsa.
https://whatsapp.com/channel/0029VaW8PFWEAKWGqUGKyr0E
