Worship • Fellowship • Mission
Wiamoase New Town, Wiamoase Ashanti, Ghana
Guidance
Bible
mail us on
info@wiamoasenorthdistrictadventists.org
Make a Call
+233 548 861 500
Submit prayer requests
contact us
blog
Home » Sabbath School  »  Mpanimfoɔ Homeda Sukuu Adesua A Ɛtɔ So Nnan (4) Tɔfabɔ.
Mpanimfoɔ Homeda Sukuu Adesua A Ɛtɔ So Nnan (4) Tɔfabɔ.

ADESUA 4: BƆNE WƆ ASAFO NO MU.


NKAEBƆSƐM: Anaasɛ monnim sɛ mo nipadua yɛ Honhom Kronkron a Ɔwɔ mo mu a monya firii Onyankopɔn hɔ no asɔredan, na monne mo ho? Na wɔtɔɔ mo aboɔden; enti monhyɛ Onyankopɔn animuonyam mo nipadua mu. (1 Kor. 6:19-20)


Amammerɛ a atwa yɛn ho ahyia no taa nya nsunsuansoɔ bɔne wɔ Akristofoɔ asafo so. Ɛsɛ sɛ yɛdi amammerɛ a ɛnko ntia anyamesom no so, na nea ɛtia asɔm no deɛ yɛtogu baabi koraa. Ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma amammerɛ tumi de bɔne ba Kristo asafo no mu. Ɛsɛ sɛ yɛbu Onyankopɔn asɛm sene yɛn amammerɛ a ɛko tia No no.


KWASIADA : GYIDIE NE NNEYƐƐ NTAM ABIRABƆ. (1 Kor. 5:1-13)

Tebea a ɛyɛ aniwuo a Paulo kaa ho asɛm wɔ Korinto asafo no mu ne sɛ ɔbarima bi ne ne papa yere ɛwɔ nna mu abusudeɛ ayɔnkofa. Na nna mu abusudeɛ yi rekɔ so wɔ asafo bi mu. Nanso sɛ anka Korintofoɔ no bɛdi yaw wɔ saa tebea no ho no, na ɛyɛ wɔn ahohoahoa mmom sɛ wɔpene bɔne a ɛte saa no so. Enti Paulo bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛtenetene, ɛnyɛ ɔbarima a ɔrebɔ ɔbrafunu no nko na mmom asafo no nyinaa. Nea enti a Korinto asafo no penee abusudeɛ saa no soɔ no nni Kristo som nyinasoɔ biara.


DWOADA: WƆREDI ANIWUSƐM HO DWUMA. (1 Kor. 5:1-13)

Nna mu nhyiamudie nsɛm ho dwuma no, ɛsɛ sɛ yɛde mpaebɔ ne ɔdɔ na ɛtu ho anammɔn. Paulo afutuo ne sɛ yɛnyɛ nhwehwɛmu yie na wɔnyi saa nipa no mfiri asafo no mu. Ɛnam sɛ saa ɔbarima ayi sɛ ɔbɛbu Awurade asɛm soɔ nti, ɛnsɛ sɛ wɔnya kwan di dwuma biara wɔ asafo no mu. Ɛnsɛ sɛ wɔma saa nipa no kwan ma ɔba Awurade adidie. Asafo no botaeɛ ne sɛ fɛreɛ bɛka saa nipa no na ɛde nsesaeɛ anaa adwene sakra abrɛ no.


BENADA: REBƆ ASAFO NO NSOHYƐDEƐ HO BAN. (1 Kor. 5:3,12-13, 1 Kor. 6:1-13)

Paulo tu asafo mma fo sɛ wɔmfa obuo ne anidie mma aban mmara. Ɔsane tu fo sɛ, asafo mma no mmɔ mmɔden sɛ wɔbɛsiesie wɔn ntam nsɛmnsɛm wɔ asafo no mu, sene sɛ wɔde bɛkɔ asɛnnibea. Nna mu nhyiamudie bɔne bi wɔ hɔ a, asafo no nni ho tumi sɛ wɔsiesie. Ebi ne nna mu nhyiamudie a ɔpene nni mu, ne wɔn a wɔnuru wɔn mpaninfie so. Ɛnsɛ sɛ Akristofoɔ fɛkuo horo wɔn ntoma fi wɔ badwam ma afoforo hunu yɛn sintɔ.


WUKUADA: NNA MU NHYIAMUDIE MU BRABƆNE ANO ADURO. (1 Tesa. 4:1-8)

Nna mu Nhyiamudie mu brabɔne ano aduro a Paulo kaeɛ ne sɛ, obiara nhunu sɛ ɔbɛnya ɔno ara ne yere ahoteɛ ne anidie mu. Mma obiara ntra nkɔsisi ne nua asɛm bi mu. Nna mu nhyiamudie yɛ awarefoɔ nko ara dea. Wɔn mpo ɛsɛ sɛ wɔde adwene ne ahohyɛsoɔ to ne yɛ ho. Paulo toa so sɛ, ɛnam sɛ wɔadware yɛn, wɔate yɛn ho na wɔabu yɛn bem, na yɛyɛ Kristo akwaa ne Honhom Kronkron no asɔredan nti no: ɛsɛ sɛ yɛdi nokorɛ wɔ abrabɔ ne nna mu nsɛm mu, na yɛnam Honhom Kronkron no so ne Kristo nya ayɔnkofa a ɛmu yɛ den.


YAWOADA: AWAREƐ NE SUGYADIE. (1 Kor. 6:19-7:9)

Ɛnam sɛ wɔtɔɔ yɛn aboɔden, ama yɛabɛyɛ Onyankopɔn Honhom Kronkron no asɔredan nti, ɛsɛ sɛ yɛda nso firii wiase amammerɛ binom ne wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no ho. Paulo se, ɛyɛ ma ɔbarima sɛ ɔmfa ne ho nka ɔbaa. Na ɛnam adwamammɔ nti, ɔbarima biara nnya ɔno ara ne yere, na ɔbaa biara nnya ɔno ara ne kunu. Paulo tu fo sɛ awarefoɔ mmfa wɔn ho nkame wɔn ho gye sɛ mopene sɛ mobɛtu mo ho asi ho ama mpaebɔ. Yosef abrabɔ yɛ nhwɛsoɔ papa ma sugyadie ne mmabunu nyinaa. Na Potifar yere nso yɛ nhwɛsoɔ bɔne ma awarefoɔ nyinaa.

TƆFA:

Nna mu nhyiamudie yɛ akyɛdeɛ, na ɛwɔ hɔ ma awarefoɔ nko ara. Sɛ woyɛ Sugyani anaa ababunu a, fa wo ho bata Kristo, Ɔbɛma Honhom Kronkron no aboa wo wɔ w’asetena mu. Sɛnea adidie ntrasoɔ nnyɛ no, saa ara na nna mu nhyiamudie ntrasoɔ nso nnyɛ. Ɛsɛ yɛyɛ biribiara fɛfɛɛfɛ ne kwan so ne kwan so.

https://whatsapp.com/channel/0029VaW8PFWEAKWGqUGKyr0E