Worship • Fellowship • Mission
Wiamoase New Town, Wiamoase Ashanti, Ghana
Guidance
Bible
mail us on
info@wiamoasenorthdistrictadventists.org
Make a Call
+233 548 861 500
Submit prayer requests
contact us
blog
Home » Sabbath School  »  Mpanimfoɔ Homeda Sukuu Adesua A Ɛtɔ So Mmiɛnsa (3) Tɔfabɔ.
Mpanimfoɔ Homeda Sukuu Adesua A Ɛtɔ So Mmiɛnsa (3) Tɔfabɔ.
ADESUA 3: NKABOM WƆ KRISTO MU.

NKAEBƆSƐM: Na, anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo din so metu mo fo sɛ mo nyinaa nyɛ nokorɔ, na mpaapaemu biara amma mo mu, na mmom moabom awie pɛyɛ adwene koro ne nsusuiɛ koro mu. (1 Kor. 1:10)

Paulo afutuo ne sɛ, ɛsɛ sɛ Kristo mu agyidifoɔ nyinaa nya nkabom, nokorɔ, adwene korɔ a mpaapaemu biara nni wɔn mu. Saa ara na Kristo Yesu no ankasa hwehwɛ firii N’akyidifoɔ hɔ, “fa wɔn sie wo din mu, na wɔnyɛ baako sɛ yɛn.” (Yoh 17:11)

KWASIADA : ASAFO MU AKUAKUO HAW NO. (1 Kor. 1:12-17, 3:3, Rom. 1:29, 13:13, 2 Kor. 12:20, Gal. 5:20)

Paulo ani annye nkrasɛm a ne nsa kaaɛ fa mpaapaemu a aba wɔ Korinto asafo no mu. Korinto asafo no mu aperepereɛ no yɛɛ kɛse de kɔpem sɛ mpo na wɔde wɔn ntam asɛm akɔduru asɛnnibea. Korɔyɛ a ɛnni asafo mma ntam no yɛ ɔhaw a ɛyɛ hu yie. Ɛsɛ sɛ Kristo akyidifoɔ de wɔn ani si Kristo nko ara so, na wɔgyae ahoɔyea, abufuo, aperepereɛ ne akɛsesɛm. Ahantan ne aniberɛ na ɛde aperepereɛ taa ba.

DWOADA: WƆDE ADWENE SI YESU SO. (1 Kor. 1:10)

Onyankopɔn frɛɛ yɛn kɔɔ “Ne ba, yɛn Awurade Yesu Kristo ayɔnkofa mu.” Yɛn Awurade ne Kristo, na ɛsɛ sɛ yɛn adwene si Ne so. Ɛyɛ Kristo na wɔbɔɔ No asɛnnua mu maa yɛn. Wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ “Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron din mu”. Enti ɛnyɛ nnipa akannifoɔ na asafo no si wɔn so. Paulo pɛɛ sɛ ɔtwe Korintofɔɔ no adwene firii akannifoɔ anaa asɛmpakafoɔ no so: Apolo, Kefa ne Paulo ankasa so, de kɔsii Kristo Yesu a, Ɔyɛ asafo no ti so.

BENADA: NYANSA NE ONYINI. (1 Kor. 3:1-4)

Akuakuo a ɛsɔre firii adwene a ɛkorɔn trasoɔ a yɛnya fa nnipa akannifoɔ ho, taa ko tia asafo no baakoyɛ ne asafo mma no Honhom mu nyini. Wɔn a wɔanyini no nka sɛ “Mewɔ Paulo afa” anaa “Mewɔ Apolo afa.” Paulo ka sɛ Honhom mu nyini ma ogyidini no hunu Onyankopɔn nyansa. Wɔn a wɔanyini Honhom fam wɔ nkatedeɛ a wɔtumi hunu papa ne bɔne yiyi mu. Ɛyɛ Onyankopɔn asɛm sua ne ne yɛ, na ɛma ogyidini tumi nyini.

WUKUADA: KRISTO NSƐSO MU AKOAYƐ. (1 Kor. 4:1-2, Flp. 2:5-8)

YAWOADA: ƆBRASU A ƐDA ASƐNNUA NO ADI. (2 Kor. 11:23-28, Kol. 1:24)

Yɛhia sɛ yɛkyerɛ anisɔ de ma wɔn a wɔdi asafo adwuma anim no, na yɛboa wɔn. Asafo akannifoɔ a wɔkyerɛ ɔbrasu a ɛda ahobraseɛ nneɛma a asɛnnua no gyina hɔ ma no adi no fata sɛ wotie wɔn. Ɛfiri sɛ asɛnnua no nko ara na ɛwɔ tumi sɛ ɛdane nhyɛsoɔ bɔne ase hyɛ Onyankopɔn asɛm aseɛ. Wɔ yɛn adwumayɛ sɛ akannifoɔ no, yɛbɛhyia akwansideɛ pii nanso ɛnsɛ sɛ yɛpaw aba, na yɛgyae Awurade adwuma no gu hɔ. “Montintim, monnhinhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa” ɛfiri sɛ monim sɛ mo brɛ nyɛ kwa, Awurade mu.

TƆFA:

Kristo mpaeɛ a ɔbɔɔ maa N’akyidifoɔ ansa na wɔrebɔ No asɛnnuam no ne sɛnea N’asuafoɔ no bɛyɛ baako, sɛnea ɔne Agya no yɛ baako no, na ama wiase agye adi sɛ Agya no na ɔsomaa No. Enti Awurade pɛ sɛ Nkurɔfoɔ de nokorɔdie, nkabom ne korɔyɛ ne ahobraseɛ da nso wɔ yɛn nnɛ wiase yi mu, de di Ne ho adanseɛ.