Worship • Fellowship • Mission
Wiamoase New Town, Wiamoase Ashanti, Ghana
Guidance
Bible
mail us on
info@wiamoasenorthdistrictadventists.org
Make a Call
+233 548 861 500
Submit prayer requests
contact us
blog
Home » Sabbath School  »  Mpanimfoɔ Homeda Sukuu Adesua A Ɛtɔ So Num (5) Tɔfabɔ.
Mpanimfoɔ Homeda Sukuu Adesua A Ɛtɔ So Num (5) Tɔfabɔ.
ADESUA 5: NE NYINAA NHYƐ ONYANKOPƆN ANIMUONYAM

NKAEBƆSƐM: Enti sɛ modidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam. (1 Kor. 10:31)

Paulo afutuo ma Akristofoɔ nyinaa ne sɛ, yɛnte yɛn ho mfiri nna mu brabɔne ne abosonsom ho. Sɛ yɛhunu sɛ yɛn nipadua yɛ Honhom Kronkron no asɔredan a, ɛbɛtumi ama yɛadwane afiri nna mu brabɔne mu. Sɛ obi nso bɛtumi adwane afiri abosonsom mu a, gye sɛ ɔgye tom sɛ ɔbɛyɛ ade nyinaa ahyɛ Onyankopɔn animuonyam.

KWASIADA : NIMDEƐ NE ƆDƆ. (1 Kor. 8:1-13)

Nnuane a wɔde ma abosom ho asɛm no maa Korinto asafo no mu kyekyɛɛ akuo mmienu. Wɔfrɛ wɔn a wɔgye di sɛ, sɛ wɔdi a, ɛnyɛ hwee sɛ, wɔn a wɔyɛ den, wɔn a wɔtia saa nnuane no die no wɔfrɛ wɔn sɛ, wɔn a wɔyɛ mmerɛ. Bible mpene so sɛ wɔdi nnuane a wɔde ama abosom. Nimdeɛ biara a ɛko tia Bible nsusuiɛ yɛ ahantan a ɛde mpaapaemu ba asafo no mu. Paulo ne Mose nyinaa tia nimdeɛ a ɔdɔ nni mu dwumadie. Ɛsɛ sɛ Akristofoɔ firi ɔdɔ a wɔwɔ ma Kristo ne afoforɔ no mu de ahopakyire di dwuma.

DWOADA: ƆDƆ A AHOPƐ BIARA MFRA MU. (1 Kor. 9:1-6)

Ɔdɔ nti, Paulo gyaee nneɛma a na ɔwɔ ho kwan kakra binom mu. Na Paulo wɔ ho kwan sɛ ɔgye sikasɛm mu mmoa firi ne nsafo ahoroɔ no hɔ. Nanso woanyɛ saa, mmom ɔyɛɛ ntomadan de hwɛɛ ne ho. Na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔware na ɔne ne yere nyinaa tu kwan wɔ asafo no mmoa mu, nanso ɔpoo saa yɛ. Paulo ne Barnaba baanu no nyinaa yɛɛ ɔsom adwuma wɔ atuwohoakyɛ kwan so. Paulo ne Barnaba yɛ nhwɛso pa ma yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛnya adaagyeɛ ma Awurade adwuma.

BENADA: WƆRESUA BIRIBI AFIRI MMERƐ A ATWAM NO MU. (1 Kor. 10:7-11)

Paulo ka Onyankopɔn nkurɔfoɔ abakɔsɛm wɔ ɛserɛ so ho asɛm sɛ, Mununkum a na ɛdi wɔn anim, ɛpo a wɔfaa mu, nsuo ne manna a wɔdiiɛ no kyerɛ Onyankopɔn akannie. Paulo kyerɛɛ sɛ Mununkum ne ɛpo mu fa no sɛ, ɛyɛ asubɔ, Saa ara na aduane ne anonneɛ no nso gyina hɔ ma Awurade Adidie. Akwannya dodoɔ a Israelfoɔ nyaeɛ no nyinaa, wɔn mu pii kɔɔ abosonsom ne adwamammɔ mu. Akrisfoɔ pii bɛtumi ayɛ bɔne a ɛte saa no bi. Kɔkɔbɔ ne sɛ "Nea ɛyɛ no sɛ ɔgyina hɔ no nhwɛ yie na wanhwe ase".

WUKUADA: KƆKƆBƆ A WƆDE TIA ABOSONSOM. (1 Kor. 10:5-22)

Paulo afutuo ne sɛ Akristofoɔ bɛtumi atɔ nam a wɔde ama abosom ɛdwa so berɛ a wɔnnim. Sɛ wɔnim sɛ wɔakum ama bosom deɛ a, ɛyɛ sɛ wɔdi tuku (nkwan a nam nni mu) sɛne sɛ wɔbɛgye anaa wɔbɛtɔ akɔdie. Afei nso wɔabara Akristofoɔ sɛ wɔbɛkɔ abosonsomfie de wɔn ho akɔhyɛ wɔn afahyɛ ahoroɔ mu bi. Abosonsom yɛ ahonhommɔne som, enti yɛne wɔn nni twaka. Paulo kyerɛ sɛ abosonsom hyɛ Awurade ma No twe ninkunu. "Abrabɔ" mu suban bi adane ahoni a ɛsɛ sɛ yɛdwane firi ho. Ɛyɛ deɛn a?

YAWOADA: WƆREDI ABOSONSOM SO NKONIM. (Mar. 10:17-22, 12:28-31)

Paulo kyerɛ sɛ, ɔdɔ a yɛbɛnya ama Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa no, bɛtumi abɔ yɛn ho ban afiri abosonsom ho. Abranteɛ sodifoɔ a ɔyɛ ɔdefoɔ no abasɛm wɔ Mar. 10:17–22 mu no, ɔbuu n'ahonyadeɛ senee ahiafoɔ ne Onyankopɔn. Ɔbuu n'ahodeɛ no senee ademudeɛ a ɔbɛnya wɔ ɔsoro no. Yei kyerɛ sɛ nneɛma a yɛwɔ ho kwan mpo no, ɛbia ɛremma nkɔsoɔ, ɛfiri sɛ ɛbɛtumi aha afoforɔ bi ahonim. Paulo se afoforɔ nkwagyeɛ nti, wɔanhwehwɛ nea ɛyɛ n'ankasa mfasoɔ.

TƆFA:

Paulo kɔkɔbɔ a ɛkɔ ma yɛn nyinaa ne sɛ, ɛnyɛ ahoni a wɔsom nko na ɛyɛ abosonsom, na mmom ɛyɛ wɔn ho a wɔsom, ahodwoɔ a wɔpɛ, ɔdɔ a wɔde ma, yafunu ne akɔnnɔ a wɔhyɛ no ma. Wowɔ akwannya deɛ, nanso afoforɔ yiedie ne wɔn nkwagyeɛ nti kwati sɛ wobɛyɛ saa nnoɔma no - Amen.