Worship • Fellowship • Mission
Wiamoase New Town, Wiamoase Ashanti, Ghana
Guidance
Bible
mail us on
info@wiamoasenorthdistrictadventists.org
Make a Call
+233 548 861 500
Submit prayer requests
contact us
blog
Home » Sabbath School  »  Mpanimfoɔ Homeda Sukuu Adesua A Ɛtɔ So Mmienu (2) Tɔfabɔ.
Mpanimfoɔ Homeda Sukuu Adesua A Ɛtɔ So Mmienu (2) Tɔfabɔ.
ADESUA 2: ASƐNNUA NO NKRASƐM NO.

NKAEBƆSƐM: Na asɛnnua no ho asɛm no yɛ nkwaseasɛm ma wɔn a wɔreyera, na ɛyɛ Nyankopɔn tumi ma yɛn a wɔregye yɛn nkwan no. (1 Kor. 1:18)

Paulo fam no, asɛnnua no ne adeɛ a wɔde siesie pata Onyankopɔn ne onipa ntam. Sɛ Ɔbɔadeɛ no gyaa N'animuonyam, Ne tumi ne Ne kɛseyɛ ato hɔ, aba asaase yi so abɛfa akoa tebea ato Ne ho so a, na ɛmfata sɛ yɛma kwan ma ahomasoɔ, aperepereɛ ne mpaapaemu ba asafo no mu. Asɛnnua no nkrasɛm no yi Kristo dɔ mapa ne N'ahobrɛaseɛ kyerɛ N'akyidifoɔ nyinaa.

KWASIADA : ASƐNNUA NO ASƐMPA NO. (1 Kor. 1:17-31)

Asɛnnua no wɔ tumi sɛ ɛbɛda Onipa bɔnesu ne Onyankopɔn papayɛ a ɛkyɛn soɔ no adi. Ɛho dawuro na Wɔsomaa Paulo sɛ ɔmmɛbɔ. Enti na Paulo somafoyɛ no dwumadie titire ne asɛnnua no ho asɛmpa dawubɔ. Paulo hunuu sɛ nnipa ntumi mfa wɔn nyansa nkyerɛkyerɛ asɛnnua no asɛmpa no mu mma nteaseɛ, berɛ a Honhom Kronkron no nka ho. Ɛyɛ Honhom Kronkron no na Ɔma yɛte biribiara ɛfa Onyankopɔn ne Kristo dwumadie ase yie.

DWOADA: NKWASEASƐM MA WƆN A WƆREYERA. (1 Kor. 1:20-21, 23, 25, 27)

Na Korinto yɛ beaeɛ bi a wɔn a wɔhoahoa wɔn ho wɔ nimdeɛ, ne nyansa ne amammerɛ nkɔanimu pii wɔ. Enti berɛ a Paulo rekasa fa Galilea Yudani bi, Yesu a Ɔfiri Nasaret, a Romanfoɔ abɔ No asɛnnuam, na afei Wasɔre afiri awufoɔ mu. Paulo toaso sɛ, Yesu no atua nnipa nyinaa bɔne ho ka no, ɛyɛɛ Korintofoɔ anyansafoɔ no sɛ ɛyɛ abɔdamsɛm ne nkwaseasɛm bi. Yudafoɔ nso annye anni, ɛfiri sɛ na wɔsusu sɛ Romanfoɔ no ntumi nkum Mesaia no da. Nanso na Onyankopɔn wɔ nkurɔfoɔ a wɔn akoma abue sɛ wɔbɛtie nokorɛ no.

BENADA: TUMI MA WƆN A WƆREGYE WƆN NKWA.( Kol. 1:20, 1 Pet. 2:24)

"Ɔno ara na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ dua no soɔ, sɛ yɛawu ama nnebɔne a, yɛntena ase mma tenenee. Ɔno na wɔde ne mmaa ntampeɛ asa mo yadeɛ." Asɛnnua no ho asɛm no, ɛgyina kwan ko a obi fa so tie no so. Wɔn a wɔde osuaniyɛ ne ahobraseɛ tie no, ɛyɛ nkwagyeɛ ma wɔn, na ɛyɛ ɔsɛeɛ ma ahantanfoɔ ne wɔn a wɔte atua. Sɛnea ɛteɛ biara no ɛyɛ Onyankopɔn na Ɔgye wɔn a wɔgye die no nkwa, ɛfiri sɛ nnebɔneyɛfoɔ ntumi nnye wɔn ho mfiri bɔne mu nya nkwa.

WUKUADA: MESAIA A WƆABƆ NO ASƐNNUAM. (Asom. 13:16-47)

"Ɛsiane sɛ wɔn a wɔte Yerusalem ne wɔn mpanimfoɔ nni no ne adiyifoɔ nsɛm a wɔkenkan daa homeda no nti, wɔbuu no fɔ maa asɛm no baa mu." Mesaia a wɔabɔ No asɛnnuam ho mfoni ma ɛda adi pefee kyerɛ ewiasie nyinaa faako a na Onyankopɔn wɔ ɔpɛ sɛ Ɔbɛkɔ akɔduru de ama ɔgyeɛ nhyehyɛe no awie mudie. Berɛ a Paulo rebɔ Mesaia a wɔabɔ no asɛnnuam ho dawuro no, wamfa nsɛm anaa nyansa a ɛtra soɔ anni dwuma. Mmom nea na ɔka ne "Yesu Kristo ne sɛ wɔbɔɔ no No asɛnnua mu no".

YAWOADA: KRISTO, ONYANKOPƆN TUMI NE NE NYANSA. (1 Kor. 1:24-29)

Nnipa nyansa ntumi nnye nnipa mfiri bɔne mu. Onyankopɔn nyansa no, nko ara na Ɔbɛtumi adi saa dwuma yi. Ɛnam Nyankopɔn tumi so na wɔfa yɛn ba ɛnam asɛnnua no nkrasɛm no so na Onyankopɔn gye yɛn nkwa. Asɛm no ne sɛ ebia onipa nyansa bɛbu Asɛnnua no nkrasɛm no nkwaseasɛm, nanso nea Onyankopɔn yɛ biara wɔ nyansa na ɛsombo sene nnipa deɛ. Ɛsɛ sɛ yɛde ahobraseɛ srɛ Honhom Kronkron no na wɔama yɛate Onyankopɔn ne Ne nsɛm ase.

TƆFA:

Na Paulo nim yie paa ara sɛ asɛnnua no nkrasɛm no bɛhyɛ Korinto Yudafoɔ no abufuo. Saa ara na na ɔnim sɛ ɛbɛyɛ Helafoɔ no nso nkwaseasɛm. Nanso ɛnam Yesu Kristo ahoyie no nti, na nsakraeɛ nwanwasoɔ aba n'abrabɔ mu ama ne nhyehyɛɛ ne ne tirimpɔ nyinaa ne ɔsoro anya nkabom. Enti ɛhyɛɛ no den wɔ dawubɔ no ho na ɛso aba nso.

https://whatsapp.com/channel/0029VaW8PFWEAKWGqUGKyr0E