Worship • Fellowship • Mission
Wiamoase New Town, Wiamoase Ashanti, Ghana
Guidance
Bible
mail us on
info@wiamoasenorthdistrictadventists.org
Make a Call
+233 548 861 500
Submit prayer requests
contact us
blog
Home » Sabbath School  »  Mpanimfoɔ Homeda Sukuu Adesua A Ɛtɔ So Du Baako (11) Tɔfabɔ.
Mpanimfoɔ Homeda Sukuu Adesua A Ɛtɔ So Du Baako (11) Tɔfabɔ.

ADESUA 11: ƆHWƐSOFOƆ ADWUMA NE ASƐMPTRƐ.


NKAEBƆSƐM: Na monim yɛn Awurade Yesu Kristo adom no sɛ Ɔyɛ Ɔdefoɔ deɛ, nanso mo nti Ɔbɛyɛɛ ohiani, na monam Ne hia no so abɛyɛ adefoɔ. (2 Kor. 8:9)


Ɔma yɛ akwannya a Onyankopɔn de ma yɛn, sɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi asua Kristo ahofama suban no. Saa ɔma yi na Paulo de hyɛɛ Korintofoɔ no adwene mu maa wɔn akwannya sɛ wɔbɛsom wɔn nuanom a wɔwɔ Yudea no. Ɛyɛ nhwɛsoɔ a ɛfiri Onyankopɔn ankasa hɔ. "Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase nie sɛ Ɔde Ne Ba a Ɔwoo No korɔ no maeɛ."


KWASIADA : YESU NHWƐSOƆ NO. (2 Kor. 8:9)

"Na monim yɛn Awurade Yesu Kristo adom no sɛ Ɔyɛ Ɔdefoɔ deɛ, nanso mo nti Ɔbɛyɛɛ ohiani, na monam Ne hia no so abɛyɛ adefoɔ." Yesu firii Ne soro kɛseɛ asetena no mu bɛyɛɛ ohiani wɔ yɛn bɔne asase yi so. Ɔfa akoa tebea too Ne ho so danee onipa nsɛso. Ɔbrɛɛ Ne ho ase yɛɛ setie de kɔsii owuo mu, asɛnnua ho wuo mpo. Paulo twee Korintofoɔ no adwene sii Makedoniafoɔ nteaseɛ a ɛwɔ Yesu Kristo nhwɛsoɔ no soɔ no. Nti wɔn hia bebree mu mpo no, wɔyii ayamyɛ kɛseɛ kyerɛɛ afoforɔ.


DWOADA: NKANYAN. (2 Kor. 8:1,5, 9:7,9,13,15)

Paulo tuu Korintofoɔ no fo sɛ, wɔnhwɛ Onyankopɔn adom a wɔde ama wɔn no ho, Na obiara nsusu wɔ n'akoma mu, na ɔmma, ɛfiri sɛ nea ɔte n'anim ma no na Onyankopɔn dɔ no. Sɛnti titire nnan a ɛsɛ sɛ yɛde ayɛyɛdeɛ ma: (1) Onyankopɔn adom ho aseda. Nkwagyeɛ a Ɔde nam Yesu so ama yɛn. (2) Ɔpɛ a yɛnya sɛ yɛbɛdi Yesu nhwɛsoɔ akyi. (3) Ɔpɛ a yɛnya sɛ yɛbɛkyɛ Onyankopɔn nhyira. (4) Ɔma yɛ ɔdɔ a ɛfiri akomam. Nhyira kɛseɛ di ɔma akyi.


BENADA: NHYEHYƐƐ. (2 Kor. 9:7)

Paulo tu yɛn fo sɛ yɛnyɛ nhyehyɛɛ pa mfa ɔma a yɛde boa Onyankopɔn adwuma ho. Ɔka sɛ "sɛdeɛ obiara asusu n'akoma mu no, Ɔmma." Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛɛ firi nsusuiɛ a yɛadi kan ayɛ ho. Sika dodoɔ a yɛde ma no, ɛsɛ sɛ yɛgye di sɛ ɛfata. Bio, ɛsɛ sɛ nhyehyɛɛ no gyina sɛnea obiara ahoɔden teɛ so. Ɛsɛ sɛ obiara ma, sɛnea ɔwɔ no dodoɔ teɛ. Mmasoɔ afɔrebɔ nnyɛ ɔhyɛ. Wo ara kae wonhyira na da Awurade ase.


WUKUADA: SUBAN. (2 Kor. 8:1-5)

Makedoniafoɔ no tee Yesu Kristo asɛnnua no so afɔrebɔ kɛseɛ a Ɔbɔeɛ ɛsiane yɛn nkwagyeɛ nti no ase. Enti Makedoniafoɔ yi suban ahoroɔ num yi adi: (1) Anigyeɛ pii mu na wɔmaeɛ. (2) Wɔfiri ayamyɛ mu mae. (3) Wɔde wɔn ara wɔn pɛ mae. (4) Wɔmaeɛ wɔ nteaseɛ no sɛ, ɔma yɛ akwannya. (5) Awieeɛ no, wɔde wɔn ho hyɛɛ ntoboayie no mu sɛ ahofama buruburoo adeyɛ. Na ɛnyɛ sika mu nko ara, na wɔda ayamyɛ adi.


YAWOADA: BAAKOYƐ. (Rom. 15:26-27)

Paulo hyɛɛ Korintofoɔ asafo no nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ ntoboa a wɔgyegye de kɔboa ahiafoɔ a wɔwɔ Yudea nsafo ahoroɔ mu no. Na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ Amanaman mufoɔ asafo ahoroɔ no yɛ Onyankopɔn abusua korɔ no ara fa bi te sɛ Yudafoɔ agyidifoɔ a wɔwɔ Jerusalem no. Mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a yɛde reba asafo no mu pia baakoyɛ na berɛ korɔ no ara, ɛyɛ baakoyɛ atenka nsunsuansoɔ. Nti susu ho yie, na ma nea ɛfata.


TƆFA:

Wɔn a Kristo dɔ no ahyɛ wɔn akoma ma no, bɛdi Nea yɛn nti Ɔbɛyɛɛ ohiani no nhwɛsoɔ akyi, sɛ ɛnam Ne hia no so no yɛbɛyɛ adefoɔ. Sɛnea Onyankopɔn akyɛdeɛ ma onipa no si yɛ kɛse fa, yɛn, yɛrentumi ntua so ka, na mmom, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn Mmasoɔ afɔrebɔdeɛ kyerɛ yɛn anisɔ. Amen.

https://whatsapp.com/channel/0029VaW8PFWEAKWGqUGKyr0E