NKAEBƆSƐM: Ɛfiri sɛ yɛn sa a yɛtuo no akodeɛ nyɛ honam mu deɛ, na mmom ɛyɛ den Nyankopɔn anim sɛ yɛde bɛdwiri epie kɛseɛ. (2 Kor. 10:4)
Na atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ wɔ Korintofoɔ asafo no mu. Saa nkurɔfoɔ yi tiaa Paulo ne ne som adwuma no. Na Paulo nim sɛ awieɛ koraа no ɛnyɛ ɔno na saa nkurɔfoɔ no sɔre tiaa no, na mmom Kristo Ankasa. Enti Paulo de ɔdɔ, ntoboaseɛ ne ahwɛyie na ɛdii saa atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ yi ho dwuma.
KWASIADA : HONHOM MU AKODIE. ((2 Kor. 10:1-11)
Atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ no bɔɔ Paulo kwaadu sɛ ɔyɛ ɔsisifoɔ a ne ho yɛ hu. Ɛfiri sɛ, sɛ ɔretwerɛ nkrataa firi akirikyiri a ne suban nko, na sɛ ɔne nkurɔfoɔ hyia anim ne anim a ɔyɛ sɛ ɔhufoɔ ne mmɔborɔfoɔ. Paulo hunuu sɛ ne sɔretiafoɔ no soboɔ no nyɛ nnipa fam ntawntawdie na mmom ɛyɛ ɔsoro akodie. Enti na ɛsɛ sɛ wɔgyina Onyankopɔn Asɛm so dwiri guo, Paulo tuu Korintofoɔ no fo sɛ, sɛ wɔtie sɔretiafoɔ no nsɛm a, wɔde wɔn nokorɛdie de ma Kristo no bɛto asiane mu, ayera wɔn nkwagyeɛ. DWOADA:
WƆREHOAHOA WƆN HO AWURADE MU. (2 Kor. 10:13-17)
"Na yei ho mmom na ma deɛ ɔhyehyɛ ne ho no nhyehyɛ ne ho, sɛ ɔnim de na wahu me sɛ Mene Awurade a Ɔyɛ adɔeɛ, na Ɔbu atɛntenenee, yɛ adetenenee asase soɔ…”. Na Paulo nam Odiyifoɔ Yeremia asɛm no so retu wɔn fo sɛ ahohoahoa biara no, ɛsɛ sɛ ɛtwe adwene si nea Onyankopɔn ayɛ ama yɛn wɔ Kristo mu no so. Berɛ a atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ rekamfo wɔn ho no, Paulo anyɛ saa bi, Onyankopɔn mmom na ɔkamfo no. “Onyankopɔn pɛ so na Wɔnam frɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ Kristo Yesu somafoɔ”. Ɔyɛɛ saa nso ne nkwa nna nyinaa.
BENADA: WƆAHUNU ATORƆ AKYERƐKYERƐFOƆ NO. (2 Kor. 11:1-15)
Paulo de atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ no totoo ɔwɔ a ɔdaadaa Hawa no ho. Na ne haw ne sɛ, saa nkurɔfoɔ yi bɛtumi ama Korintofoɔ no amane afiri wɔn akomam ahofama ne wɔn nokorɛdie de ma Kristo no ho. Paulo sii no pi kyerɛɛ Korintofoɔ no sɛ, sɛ obi bɛka Yesu foforɔ ne asɛmpa foforɔ, firi nea wate no dada no ho a, na ɔyɛ ɔtorofoɔ daadaafoɔ. Ɔtoa so sɛ, wɔn a wɔyɛ saa no ne wɔn a wɔpene wɔn nneyɛɛ no de nnome ba wɔn ho so. Paulo kasaa anniberɛso tiaa saa mfomsoɔ no.
WUKUADA: WƆREHUNU AMANE ASƐMPA NO NTI. (2 Kor. 11:22-28)
Paulo bobɔ n'amanehunu ahoroɔ a ɛnam asɛmpa no nti ɔhyiaeɛ nanso wɔamfa ɛmu biara anhoahoa ne ho. Mprɛnum a wɔtwaa no mmaa aduasa nkron; mpire a wɔkaa no, aboɔ a wɔsii no, nsuomuhyɛn mu nkwanhyia, nsuo mu a watɔ, nea ɛkeka ho nyinaa nna nkyɛn, deɛ ɛhyɛ ne soɔ ne asafo no nyinaa ho dadwene. Sɛ Paulo mpo anhoahoa ne ho nea wayɛ ama Kristo a, ɛneɛ na yɛwɔ pii yɛ. Ɛdeɛn na woayɛ de aboa asɛmpa no?
YAWOADA: AFOTUO A WƆDE MA NEA ONNU NE HO NO. (2 Kor. 12:20-21)
Na Paulo atu fo afa nnebɔne a na ɛrekɔ so wɔ Korinto asafo mu no. Ebi yɛ ntɔkwako, ahoɔyea, abufuo, asikan, nsekuro, wesewese, sakasakayɔ, ahantan, ne aperepereɛ. Esiane sɛ bɔne a ɛtete sei tumi de mpaapaemu ba asafo no mu nti, Paulo de n'adwene sii asafo mu atenetene dwumadie so. Sɛ ɔbɛtenetene wɔn a wɔwɔ saa tebea huuhu yi mu no. Na Paulo pɛ sɛ wɔsakra wɔn adwene, na wɔnya tumi a ɛdekɔ setieyɛ mu. Na atenetene ne adeɛ a ɛtwa toɔ a ɔbɛtumi ayɛ de asi bɔne ano wɔ asafo no mu.
TƆFA:
Awurade rebɔ Ne nkurɔfoɔ ho ban sɛnea wɔrensane nkɔyɛ bɔne ne mfomsoɔ ahoroɔ a atwam no bio. Atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ kamfo nkyerɛkyerɛ a ɛntene ne nneyɛɛ a ɛho nteɛ. Wɔadi atorɔ nhyehyɛɛ ahoroɔ ho dwuma wɔ nnɛɛdɛɛ kwan nwanwasoɔ a, ɛso akata, na ɛyɛ nnaadaa, sɛ ɛbɛyɛ yie a wɔbɛdaadaa wɔn a wɔpaw wɔn no ankasa. https://whatsapp.com/channel/0029VaW8PFWEAKWGqUGKyr0E
