ADESUA 10: KRISTOSOM DWUMADIE A ƐTE APƆ.
NKAEBƆSƐM: Ade nyinaa mu wɔhiahia yɛn ho, nanso yɛn home ntee, yɛn ho nkyere yɛn, nanso yɛn ani ntanee. Wɔtaa yɛn, nanso wɔmpaa yɛn akyi, wɔabɔ yɛn ato fam, nanso wɔnsɛee yɛn. Daa yɛso Awurade Yesu wuo yɛn nipadua mu nam, na Yesu nkwa no nso ada adi yɛn nipadua mu. (2 Kor. 4:8-10).
Paulo nam Kronkronyɛ ne ahoteɛ so yii ne ho ano wɔ kwaadu a wɔbɔɔ no sɛ ɔyɛ adaneadane na ɔnni ɔdɔ ma Korintofoɔ no ano. Na ɔyɛ adwuma berɛ biara ma ne honhom mu mma yiedie. Ellen White ka sɛ “Nnebɔyɛfoɔ adwensakra ne wɔn ahoteɛ a ɛnam nokorɛ no soɔ no ne adanseɛ a ɛkyɛn soɔ a ɔsomfo bɛtumi anya sɛ Onyankopɔn afrɛ no aba ɔsom adwuma no mu”.
KWASIADA : NOKORƐ SOM ADWUMAYƐ SO ABA. (2 Kor. 3:1-9)
Paulo bɔ agyidifoɔ nyinaa kɔkɔ sɛ wɔyɛ Kristo krataa a nnipa kenkan. Ɛsɛ sɛ nipadom a wɔtwa wɔn ho ahyia no hunu Yesu suban wɔ abrabɔ mu. Paulo twe adwene si so sɛ Apam Dada ne Apam Foforɔ nyinaa kyerɛ nkwagyeɛ kwan. Ɔtoa so sɛ asɛmpa baako pɛ na ɛwɔ hɔ a, Onyankopɔn a Wagye yɛn nkwa no de ɔfrɛ Kronkron afrɛ yɛn no ho. Ɛnyɛ nnwuma ho, na mmom Ne tiriim agyina ne adom a wɔde adom yɛn Kristo Yesu mu no.
DWOADA: AMANEHUNU NE ANIMUONYAM. (2 Kor. 4:7-18)
Deɛ ɛmaa Paulo tumi gyinaa n’amannehunu ahoroɔ no ano ne sɛ, ɔhunu sɛ ɔnyɛ hwee sɛ dɔteɛ anwenneɛ hunu bi kɛkɛ. Ɛfiri sɛ, sɛ Yesu Kristo a ɔyɛ Animuonyamhene no mpo, asoa yɛn amumuyɛ, ahunu amane awu ama yɛn a, na ɛhyɛ no den sɛ ɔbɛhunu amane ama no bi. Daakye animuoyam ne nkwa asetena a owuo nni mu a, yɛbɛnya no nti, ɛnsɛ sɛ yɛma amanehunu biara bu yɛn abam. Sɛ saa daakye asetena pa yi hyɛɛ Paulo adwene soa, ɛsɛ sɛ ɛhyɛ yɛn deɛ so saa.
BENADA: MPATA SOM DWUMADIE A ƐTWE ADWENE SI KRISTO SO. (2 Kor. 5:11-21, Kol. 1:19-23, Efe. 2:13-16)
Paulo som adwuma no nyɛ nea ɛtwe adwene si ne ho so, na mmom ɛde si Kristo so. Kristo ne mpata ho somfo a Ɔkyɛn so koraa. Mmoa a na wɔkum wɔn de pata srɛ wɔn bɔne wɔ Apam Dada mmerɛ so no, na ɛgyina hɔ ma Yesu. Onyankopɔn nam Ne Ba no mpata wuo wɔ asɛnnua no so apata atwe adasamma afam Ne ho. Wɔn a wɔpata twee wɔn fam Onyankopɔn ho no yɛ abɔdeɛ foforɔ. Afei ɛsɛ sɛ wɔbɔ Kristo asɛmpa no ho dawuro kyerɛ afoforɔ.
WUKUADA: ƆFRƐ DE KƆ KRONKRONYƐ MU. (2 Kor. 6:11-17, 7;1)
Paulo hyɛɛ Korinto asafo no nkuran sɛ wɔne Onyankopɔn ntam bɛnya nsiesie. Ɔtu wɔn fo sɛ wɔnte wɔn ho mfiri wɔn a wɔnnye nnie no nsunsuansoɔ bɔne ne nneɛma ɛho nteɛ ho, na wɔmmɔ abrabɔ kronkron. Ɔtoa so sɛ; Mone wɔn a wɔnnye nnie ntwe kɔnnua korɔ; Momfiri wɔn mu; Monte mo ho; Monnka nea ɛyɛ fi; Momma Yɛnhohoro yɛn ho mfiri honam ne honhomfi ho; Yɛnwie yɛn ahoteɛ wɔ Onyankopɔn suro mu. Ɛwom Kronkronyɛ firi Awurade hɔ nanso yɛwɔ bi yɛ.
YAWOADA: AWERƐKYEKYERƐ NE ANIGYEƐ. (2 Kor. 7)
Nokorɛm no, Korintofɔɔ no buee wɔn akoma mu maa Paulo ne ne yɔnko adwumayɛfoɔ no. Ne nwoma a ano yɛ den no nyaa nsunsuansoɔ a na ɔhwehwɛ no. Awerɛkyekyerɛ a Paulo nya firi Tito amanneɛ pa mu no, na ɛfiri Onyankopɔn a Ɔkyekyere yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu. Ɛwom sɛ Paulo nwoma no de awerɛhoɔ baa Korinto asafo no so deɛ, nanso awerɛhoɔ no de adwensakra a ɛde kɔ nkwagyeɛ mu maa wɔn.
TƆFA:
Awurade de hann yi ahyɛ asafo no nsa sɛ ɛbɛyɛ mfasoɔ ne nhyira ama wiase. Ɛsɛ sɛ Yɛnam tumi a ɛfiri soro no so tu nnipa fo sɛ wɔbɛpata asiesie wɔne Onyankopɔn ntam.
https://whatsapp.com/channel/0029VaW8PFWEAKWGqUGKyr0E
