ADESUA 9: ƆSOM ADWUMA A ƆDƆ NA ƐKANYAN
NKAEBƆSƐM:
Na mefiri akomam ahohia ne ahometeɛ pii mu de nisuo bebree na metwerɛɛ mo, ɛnyɛ sɛnea mo werɛ bɛhoɔ, na mmom sɛnea mobɛhunu ɔdɔ kɛseɛ a mewɔ ma mo. (2 Kor. 2:4)
Paulo faa amaneɛ ne ɔhaw bebree mu wɔ ne som adwuma yɛ mu. Wɔbobɔ ebi so sɛ, Yudafoɔ nsam wɔabɔ me mmaa aduanan a aka so baako, mprenum. Wɔaka me mpire mprɛnsa, madi ɛpo bunu mu adekyeɛ ne adesaeɛ. Ɔdɔ a Paulo nya maa asafo ahoroɔ, ɔsua firii Yesu hɔ, Ɛsɛ sɛ yɛn nso sua Yesu ne Paulo.
KWASIADA : ASEDA. (2 Kor. 1:3-11)
Paulo aseda no de adwene gyina awerɛkyekyerɛ a Onyankopɔn de ma wɔn a wɔrehunu amaneɛ no so. Na Paulo bɛtumi akyekyere afoforɔ werɛ ɛfiri sɛ, n’ankasa amanehunu mu no, ɔnyaa awerɛkyekyerɛ firii Onyankopɔn hɔ. Ɛduru berɛ bi maa Paulo ne n’adwumayɛfoɔ suroo sɛ owuo ato wɔn. Nanso Onyankopɔn gyee wɔn, maa tebea no sesaeɛ. Onyankopɔn de ahohiahia di dwuma de kyerɛkyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛnya Ne mu ahotosoɔ ne gyidie.
DWOADA: KRONKRONYƐ NE AHOTEƐ. (2 Kor. 1:12-14, 17, 4:2)
Paulo pɛɛ sɛ ɔbɛma n’atiefoɔ ate sɛ n’ahonim di n’adanseɛ sɛ ne nsɛm no nam Onyankopɔn Kronkronyɛ ne N’ahoteɛ mu. Paulo kaa sɛ ɛfiri sɛ, na ne sɔretiafoɔ no akyea ne nsɛm no. Na Korintofoɔ no mu bi gye Paulo tirimupɔ a ɛmu da hɔ no ho kyim. Ɔma ɛdaa adi pefee sɛ Kronkronyɛ ne n’ahoteɛ no firi Onyankopɔn mu. Na Paulo wɔ awerɛhyɛmu sɛ ne nsɛm, n’atirimpɔ ne neyɛɛ no da adi pefee, “Awurade Yesu da no”.
BENADA: ƆDƆ NHYEHYƐƐ A ƐRESAKRA. (1 Kor. 16:5-7)
Paulo yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛfa Makedonia akɔ Korinto, na watena hɔ awɔberɛ no mu. Nanso ɔsesaa ne nhyehyɛɛ no ɛnam atenka bɔne bi a Timoteo de firi Korinto baeɛ nti. Wɔankɔ Korinto sɛnea wahyehyɛ no. Enti ɔtwerɛɛ nwoma kɔmaa wɔn mmom. Na ɔbɛpɛ sɛ ɔde nwoma bɛmane mmom sene sɛ ɔde nsrahwɛ foforɔ bɛsɛe nneɛma. Ɔde nwoma kɔmaa Korintofoɔ de kyerɛ ne nokorɛ ne dɔ a ɔwɔ ma wɔn.
WUKUADA: FAKYƐ NE ƆDƆ A WƆSANE SI SO DUA. (2 Kor. 2:5-11, 7:5-13)
Paulo te firii Tito hɔ asɛmpa a ɛkyɛn soɔ sɛ, ne nsɛm a na ano yɛ den no aso aba pa, na ɛde anigyeɛ kɛseɛ baa n’akoma mu. Na ebinom wɔ Korinto a wɔsɔre gyina tiaa Paulo na afei deɛ asafo mu no gyina n’afa. Ɛho hia sɛ yɛtaa yɛn akaninfoɔ a wɔde nokorɛdie ne nsiyɛ yɛ adwuma akyi. Ɛfa asafo mu atenetene ho no, ne botaeɛ ne sɛ wɔresane de nea wafom bɛsane asi hɔ bio. Wɔnam bɔne fakyɛ ne ɔdɔ so na ɛtenetene.
YAWOADA: AHURUSIE WƆ KRISTO MU. (2 Kor. 2:12-17)
Paulo twerɛɛ “Krataa a ano yɛ hyeɛ” no akyi no ɔkɔɔ Troa, na ɔkaa asɛmpa na ɛwiee yie. Wantena hɔ ankyɛ. Asafo no nyinaa ho dadwene ne titire no, ɔsii so dua wɔ anigyeɛ kɛseɛ mu sɛ, Onyankopɔn ma yɛdi Kristo mu nkonim daa. “Atorofoɔ asomfo hwehwɛ wɔn yiedie na Kristo asomfo nokwafoɔ hwehwɛ asafo no yiedie”
TƆFA:
Ɔsomafoɔ Paulo hunuu sɛ ɛho hia sɛ ɔka mfomsoɔ anim wɔ asafo no mu. Nanso wanhwere n’ahohyɛsoɔ berɛ a ɔreka bɔne anim no. Ɔde ahopereɛ kyerɛkyerɛ nea enti a ɔyɛɛ n’adeɛ no mu. Ɔmaa wɔtee aseɛ sɛ ɔte yea sɛ ɔrehyɛ wɔn yea. Ɔmaa ɛdaa wɔn adwene so sɛ wɔn anigyeɛ yɛ n’anigyeɛ. Amen.
https://whatsapp.com/channel/0029VaW8PFWEAKWGqUGKyr0E
