ADESUA 8: KRISTO WUSƆREƐ NO MU TUMI.
NKAEBƆSƐM: Na sɛ wɔannyane Kristo a, na yɛn asɛnka yɛ ɔkwa, na mo gyidie nso yɛ hunu..... Na sɛ wɔannyane Kristo a, na mo gyidie no yɛ hunu; na moda so wɔ wo bɔne mu! (1 Kor. 15:14-17)
Yesu asɛnnua mu wuo no akyi, sɛ wɔansɔre a, na Ɔnyɛ neɛ ɔkaa sɛ Ɔyɛ no. Na asɛnnua no nni nsunsuansoɔ biara na na wɔntuaa bɔne ho ka no. Nanso yɛn Awurade no asɔre, Waforo kɔ soro, na Ɔbɛsane abɛfa yɛn akɔ ɔsoro fie, sɛnea Wahyɛ yɛn bɔ no.
KWASIADA : WƆREBƆ KRISTO WUSƆREƐ NO HO DAWURO. (1 Kor. 15.1-4, 15:2, 11, Lk. 24:44-47, Rom. 1:1-4)
Yesu wuo ne Ne wusɔreɛ no hyɛ Onyankopɔn bɔhyɛ a wɔhu no wɔ Apam Dada mu no ma. Wɔn a wɔbɔ dawuro sɛ Kristo awu asɔre no nyinaa ɛsɛ sɛ wɔdi kan gyidi sɛ, Ne wusɔreɛ no yɛ adeyɛ a ɛsii wɔ abakɔsɛm mu. Bible no di ho adanseɛ sɛ nnipa pii hunuu Kristo wɔ Ne wusɔreɛ no akyi. Na wɔn mu pii daso ara te ase, berɛ a Paulo twerɛɛ Korintofoɔ nwoma no. Paulo sii so dua sɛ, wɔn wɔnhunuiɛ. Ɛyɛ nokorɛ sɛ Yesu Kristo awu asɔre, na Ɔda so te ase ɔsoro redi ma yɛn.
DWOADA: KRISTO A WASƆREƐ, YƐN ANIDASOƆ KORO PƐ NO!. (1 Kor. 15:9-19)
Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ, sɛ owusɔreɛ nni hɔ a agyidifoɔ nni anidasoɔ biara seesei ne daakye. Ɔkasɛ, ɛsiane sɛ adansefoɔ pii hunuu Yesu Kristo wɔ ne wusɔreɛ no akyi nti, ɛnsɛ sɛ wɔgye owusɔreɛ ho kyim. Bio sɛ owusɔreɛ nni hɔ a, na wɔn anidasoɔ no tim atorɔsɛm so, na adasamma da so wɔ yɛn bɔne mu. Sɛ owusɔreɛ nni hɔ a, asɛnka ne gyidie nyinaa yɛ adehunu. Sɛ Yesu Kristo nte ase a, Ne mu gyidie so nni mfasoɔ, ɛyɛ ade hunu bi ɛfiri sɛ na wɔmfaa yɛn bɔne nkyɛɛ yɛn.
BENADA: KRISTO, ABA A ƐDI KAN NO. (1 Kor. 15:20-23)
Nanso afei deɛ, wɔanyane Kristo afiri awufoɔ mu ayɛ wɔn a wɔadeda no mu aduaba a ɛdi kan. Na sɛdeɛ ɛnam onipa so na owuo baeɛ no, sɛ nso awufoɔ sɔreɛ nam onipa baeɛ ne no. Paulo de asubɔ yɛ mfatoho, ɛfiri sɛ ɛno ankasa yɛ ogyidini ne nkabom wɔ Ne wuo ne Ne sɔreɛ mu nsohyɛdeɛ. Sɛ owusɔreɛ nni hɔ a, na mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so sɛ Yesu ma Ne ho kwan ma nnipa bɔ no asɛnnua mu? Yesu asɛnnua mu bɔ no, yɛ yɛn nkwagyeɛ nyinasoɔ.
WUKUADA: NIPADUA A ASƆRE BIO NO. (1 Kor. 15:35-41)
Paulo ma mmuaeɛ wɔ nsɛmmisa a ɛka sɛ, wɔbɛsi sɛn anyane awufoɔ? Na nipadua bɛn na wɔde bɛba? Paulo ka sɛ nipadua no te sɛ aba, ɛdi kan wu na ɛnam anwanwa kwan so adane abɛyɛ afifideɛ, ɛnam so abɛyɛ aba bebree. Saa ara nso na anwanwa kwan so, yɛn nipadua yi bɛsesa anya honam a ɛmporɔ no ɛnwuo. Paul ka sɛ, Yesu bɛsakra yɛn ahobrɛaseɛ nipadua no ama no asɛ N’animuonyam nipadua no. Yɛbɛkura nipadua a ɛrensɛe anaa sɛ ɛmporɔ
YAWOADA: OWUO SO NKONIMDIE A ƐTWA TOƆ. (1 Kor. 15:54-57)
Paulo ka anikasɛm: “Honam ne mogya ntumi nnya Onyankopɔn ahennie no.” Ɔkyerɛ aseɛ sɛ, yɛn nipadua ɛsɛ sɛ ɛnya nsakraeɛ kɛseɛ na ama yɛanya ɔsoro agyapadeɛ. Paulo ka sɛ Kristo bɛsakra yɛn nipadua na Wate ho afiri sintɔ nyinaa ho, wɔ Ne sanba no mu. Berɛ a Yesu ayi yɛn bɔne su afiri hɔ no, na yɛafa animuonyam hyɛ suahunu mu no na kasa “Wɔamene owuo nkonim mu” ho bɛba mu. Sɛ yɛkata yɛn ani wɔ owuo mu a, nea ɛdi hɔ ne sɛ yɛbɛhunu Yesu mmaeɛ a ɛtɔ so mmienu no.
TƆFA:
Asase wosoo ahoɔden so berɛ a Onyankopɔn Ba no nne frɛɛ ahotefoɔ a wɔadeda no. Wɔgyee ɔfrɛ no so firii adi bae a na wɔfira animuonyam anwuda tebea. Ahotefoɔ a wɔte aseɛ no sakra ntɛm so mpofirim na wɔne wɔn a wɔasɔreɛ no nyinaa bɛbom akɔhyia wɔn Awurade ɛwiem. Ao, animuonyam nhyiamu bɛn ni —wɔrentete mu bio—Amen!
https://whatsapp.com/channel/0029VaW8PFWEAKWGqUGKyr0E
