Worship • Fellowship • Mission
Wiamoase New Town, Wiamoase Ashanti, Ghana
Guidance
Bible
mail us on
info@wiamoasenorthdistrictadventists.org
Make a Call
+233 548 861 500
Submit prayer requests
contact us
blog
Home » Sabbath School  »  Mpanimfoɔ Homeda Sukuu Adesua A Ɛtɔ So Du Mmienu (12) Tɔfabɔ.
Mpanimfoɔ Homeda Sukuu Adesua A Ɛtɔ So Du Mmienu (12) Tɔfabɔ.
ADESUA 12: DI NE HO ADANSEƐ

NKAEBƆSƐM: Awurade Nyankopɔn ama me asuafoɔ tɛkyerɛma, sɛ menhunu sɛnea mede asɛm bɛwowa nea wabrɛ: Ɔnyane me daa anɔpa, Ɔnyane m'aso ma me, sɛ memfa mentie sɛ asuafoɔ. (Yes. 50:4)

Abasɛm de ma yɛn fa ɔsɔfoɔ bi a, ɔkaa kasa a ɛnyɛ de kyerɛɛ obi a, na ɔsɔfoɔ no nnim sɛ wɔrebɛsra ɔno ne n’asɔre homeda anɔpa bi. Berɛ a ɔsɔfoɔ no ani bɔɔ saa ɔsraani no soɔ wɔ asɔredan no mu no, ɔhunuu sɛ kwan pa ɔfa so ne ɔmanini kasa no, saa kwan no so na ɛsɛ sɛ ɔne ɔhɔhoɔ anaa obiara kasa, ɛmfa ho ne tebea biara mu.

KWASIADA : ƐFIRI NEA ABU SOƆ MU. (Mat. 28:18-20, Asom. 1:8, 4:13)

Memeneda Akwanhwɛfoɔ Asafo no botaeɛ ne sɛ yɛbɛyɛ asuafoɔ, na wɔn nso ayɛ afoforɔ asuafoɔ. Wɔafrɛ obiara a wanya nkwa foforɔ wɔ Kristo mu no, wɔafrɛ no sɛ ɔnni adanseɛ. Nokorɛ adansedie firi nea w’ankasa wode w’ani ahunu fa nea Nyankopɔn reyɛ wɔ w’abrabɔ mu no ho. Wone afoforɔ nkyɛ wo suahunu. Nea Onyankopɔn ayɛ ama yɛn no yɛ asɛmpa a ɛsɛ sɛ afoforɔ teɛ. Mma yɛmfɛre nokorɛ adansedie ho.


DWOADA: ƐNYƐ ƆHYƐ SO NANSO ƐKURA TUMI. (Mat. 9:36) 

"Na ɔhunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ na wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ."* Ɛyɛ Yesu dɔ ne N’ahummɔbɔ ma adasamma na ɛkanyan N’adwuma yɛ no. Ɔkwan a ɛte saa bi so no, Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn mu no, ɛsɛ sɛ ɛhyɛ yɛn sɛ yɛbɛkyerɛ akra kwan aba Yesu nkyɛn. Ɛnyɛ Kristo botaeɛ sɛ Ɔbɛhyɛ nnipa ama wɔagye No adi. Mmom ɛyɛ yɛn na ɛsɛ sɛ yɛda Kristo dɔ a ɔwɔ ma yɛn no adi kyerɛ wɔn na wɔn ankasa de wɔn pɛ atu anammɔn aba Ne nkyɛn.


BENADA: YESU HO ADANSEDIE HO MMOA BINOM. (1 Pet. 3:8-15)

Afutuo a wɔde ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔne afoforɔ kyɛ Yesu ho asɛm bi nie:

1. Fa obi adamfoɔ wɔ animteɛ ne adɔyɛ kwan so.

2. Bɔ mpaeɛ sɛnea Honhom Kronkron bɛyɛ onipa no akoma so adwuma.

3. Srɛ Onyankopɔn sɛ ɔbɛma wo akokɔduru a ɔdwoɔ wɔm wɔ wo dwumadie no mu.

4. Ma asafoba foforɔ bi nyi ɔdɔ adi nkyerɛ no.

5. Bɔ mpaeɛ ma n’ahiadeɛ na sɛ afutuo ne akwankyerɛ bi wɔ hɔ a, fa ma no.

6. Ma no mmɛsra w’asafo no, na ɛne no nhyɛ Bible adesua ase.

7. Yi suban pa adi, na ma wo nsɛm ne nneyɛe nkɔ pɛ.


WUKUADA: ABƆFRA A ƆNENAM BASABASA. (Hos. 4:17, 7, Yer. 31:18-19)

Ɛyɛ ahomteɛ ma awofoɔ sɛ wɔbɛhunu wɔn mma sɛ wɔrebɔ ahohwibra, wɔ nnubɔne, nsaborɔ ne adwamanmu. Saa ara na berɛ a Efraim mane firii Ɔne Awurade ayɔnkofa ho de awerɛhodie kɛse maa No. Sɛnea berɛ bi Efraim sane baa Awurade nkyɛn no, Awurade tu awofoɔ fo sɛ mma wɔn abam mmu, mmom wɔntɔ nkɔ so mfa mpaebɔ ne akɔnkyene ne afutuo mma wɔn. Awurade se ɔkae wɔn nyinaa, na ɔpere, hwehwɛ wɔn. Da koro pɛ wɔbɛsane aba Ne nkyɛn.


YAWOADA: FA WƆN SANE BRA. (Sakaria 10)

W’abrabɔ, wo nneyɛeɛ, wo nsɛm, ne wo mpaeɛ a wobɔ ma wo hokani anaa wo ba bi a ɔmane firii Onyankopɔn akyi no ho adanseɛ bɛtumi de nsakraeɛ soronko aba ne bra ne ne daakye mu. Srɛ Onyankopɔn sɛ Ɔmfa ɔdɔ a Ɔno na Ɔtumi de ma no mmɛhyɛ w’atenka bɔne no ananmu. Srɛ sɛ Awurade ma yɛnyɛ N’akyidifoɔ a wɔwɔ ɔdɔ, na wɔyi no adi kyerɛ afoforɔ, de twe wɔn ba Ne nkyɛn.


TƆFA:

Sɛ Onyankopɔn dɔ ne N’asɛm a ɛte ase na tumi wom no hyɛ yɛn daa abrabɔ mu ma a, ɛbɛhyɛ yɛn ama yɛadɔ wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no, na yɛne wɔn akyɛ Ne ho asɛm. AMEN