ADESUA 13: ƐDEKƆ DAAPEM MU.
NKAEBƆSƐM: Adɔfo, afei yɛyɛ Nyankopɔn mma, na sɛ Ɔyi ne ho adi a, yɛbɛyɛ sɛ Ɔno, ɛfiri sɛ yɛbɛhu No sɛnea Ɔteɛ. (1 Yoh. 3:2)
Bible kyerɛ yɛn sɛ Yesu yɛ nokwafoɔ na ne nsɛm nso yɛ nokware. Yesu aka sɛ ahohiahia mmerɛ wɔ yɛn anim, na mpo ahyɛ aseɛ. Mmea mmea binom deɛ ano ayɛ den. Yesu ahyɛ bɔ sɛ Ɔrennyae wo na Ɔrempa wo da. Yɛn asɛdeɛ ne sɛ yɛde yɛn ani bɛsi ne so, na yɛasɔ N'asɛm mu pintinn akɔsi awieeɛ, ansa na ahotɔ, asomdwoeɛ ne anigyeɛ mmerɛ aba.
KWASIADA : NNA YI MU ASETENA. (Dwom 80:1-3, 14-19)
Nna yi mu asetena afiri aseɛ reyɛ den ma adasamma nyinaa. Yɛwɔ mmerɛ a emu yɛ den mu. Yɛn anidasoɔ baako pɛ ne sɛ yɛde yɛn ho nyinaa bɛhyɛ Awurade nsa yie. Nea ɛresisi no bɛtumi ama wo werɛ afiri nea Onyankopɔn ayɛ na Ɔgu so reyɛ ma woɔ, ɛno nti yɛn nyinaa hia nkanyan wɔ yɛn bra ne ɔsom adwuma mu. Hunu sɛ gyidini biara a, ɔbɛte ne ho afiri Kristo Yesu ho no, bɛyera afebɔɔ. Sintɔ biara a yɛakɔ mu no, sɛ yɛde ahunu sane ba Yesu nkyɛn a Ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ na Wagye yɛn.
DWOADA: AWIEEƐ NO, ANIM-NE-ANIM (1 Tes. 4:17, Fil. 2:10-11)
Ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ berɛ biara Ɔne nnipa di nkitaho sɛnea na ɛte wɔ Eden mu. Ɛno nti na Ɔtuaa aboɔdendenne kɛseɛ maa Yesu bɛwu wɔ asɛnnua so maa yɛn. Na sɛnea Ne bɔhyɛ teɛ no Ɔbɛma Yesu Kristo asane aba bio abɛfa yɛn akɔ Ne nkyɛn wɔ ɔsoro. Saa na Paulo ka ho asɛm sɛ wɔbɛhyɛne totorobɛnto na Kristo mu awufoɔ nyinaa bɛsɔre. Wɔn a wɔte aseɛ wɔ Kristo mu no bɛsakyerɛ, na wɔn nyinaa abom akɔhyia Awurade wɔ ewiem, na saa na wɔne Awurade bɛtena daa. Ɛno na yɛbɛhunu No anim ne anim.
BENADA: AYEFORƆ NO. (Adi. 21:9-11)
Yesu Kristo bɔhyɛ nsɛm a ɛwɔ Yoh 14:1-3 sɛ Ɔrekɔ siesie tenabea ama yɛn no, saa kuro no wɔfrɛ no ayeforɔ. Nyankopɔn nkurɔfoɔ a Yesu Kristo rebɛfa wɔn nso wɔfrɛ wɔn ayeforɔ. Nea ɛdi kan Onyankopɔn resiesie kuro bi a ɛkyɛn soɔ a, kasa ntumi nkyerɛ mu. Yohane se ɛkura Nyankopɔn animuonyam. Deɛ ɛma no hann te sɛ ahwehwɛboɔ a ne boɔ yɛ den. Yɛn nnipadua yi nso bɛsesa anya honam a ɛmporɔ. Enti honam foforɔ bɛhyɛne kuro a ɛkura animuonyam kɛseɛ a ɛyɛ foforɔ no mu.
WUKUADA: DI ADWAMMAA NO AKYI. (Yes. 25:8, Adi. 7:17, 21:4)
Wɔ daa nkwa a ɛda yɛn anim no mu no, Nkwadaa, Mmabunu ne Mpaninfoɔ mu biara bɛnya nea wɔn ani gye ho a, ɛbɛma woada Yesu ase papaapa. Yɛn nyinaa de aseda ayeyi bɛka abom asom Yesu sɛ Ɔnam asɛnnua no amanehunu no so gyee yɛn nkwa firii daa owuo mu. Yɛn nyinaa bɛbom aka sɛ "Adwammaa a wɔkum no no fata sɛ Ɔgye tumi ne ahonya ne nyansa ne ahoɔden ne anidie ne asomdwoeɛ ne nhyira." Onyankopɔn bɛpepa nisuo nyinaa afiri yɛn aniwa mu. Akɔrokorɔ ne nsɛmdɛ na ɛbɛkɔ so wɔ hɔ.
YAWOADA: BRA! . (Mat. 11:28-30, Yes. 55:1-3, Yoh. 6:44)
Honhom Kronkron no pɛ sɛ Ɔtwe wo bɛn Yesu nnɛ. Yesu to nsa frɛ wo nnɛ ne daa sɛ bɛtena Ne mu. "Deɛ Agya de ma Me nyinaa bɛba Me nkyɛn, na deɛ ɔba Me nkyɛn no, Merento no ntwene da". Sɛ yɛhwɛ sɛnea ɛrenkyɛ na ntɛm so na owuo de yɛn kɔ no a, saa ara na ntɛm so Yesu bɛsane aba abɛfa yɛn. Yɛn ani bɛte wɔ owuo nna mu no, na ɔsoro bɔfoɔ gyina hɔ a ɔrebɛfa yɛn akɔhyia Awurade wɔ ewiem.
TƆFA:
Sɛ yɛansua Nyame asɛm ankora Kristo som no a, yɛrennya Nyankopɔn kuro no mu nhyɛne. Yɛhia sɛ yɛbɛma Kristo Tenenee ho sukɔm ade yɛn. Enti na Ɔto nsa frɛ wo sɛ bra Ne nkyɛn. Amen.
https://whatsapp.com/channel/0029VaW8PFWEAKWGqUGKyr0E
