NKAEBƆSƐM: Na ɛnyɛ yei nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho ahohia mu nso, ɛfiri sɛ yɛnim sɛ ahohia de boasetɔ ba, na boasetɔ de osuahunu ba, na osuahunu de anidasoɔ ba. Na anidasoɔ nhyɛ aniwuo, ɛfiri sɛ wɔnam Honhom Kronkron a wɔde ama yɛn no so ahwie Nyankopɔn dɔ agu yɛn akomam. (Rom. 5:3-5)
Nnawɔtwe yi adesua no retwe yɛn adwene aba yɛn ho so, sɛ akwansideɛ anaa ɔhaw ba yɛn akwan mu a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn nko ara. Ɛsɛ sɛ yɛnya ahotɔsoɔ sɛ yɛn Nyankopɔn no ayɛ krado sɛ Ɔbɛgye yɛn, yɛn haw no mu sɛnea Ne pɛ teɛ.
KWASIADA : ABRABƆ MU AHUM AHOROƆ. (Mk. 4:35-41)
Berɛ bi a na Yesu ne N’asuafoɔ te kodoɔ mu no, ahum kɛseɛ bi tui ɛpo no so ma asorɔkye bubu bɛguu kodoɔ no mu. Asuafoɔ no de wɔn po so adwuma ho nimdeɛ guu akwan mu, nanso anyɛ yie. Enti wɔkɔ nyanee Yesu a na wɔada wɔ kodoɔ no to no. Yesu teateaa mframa no na ɛyɛɛ dinn. Nyankopɔn yɛ nokwafoɔ berɛ biara, mpo berɛ a yɛgye di sɛ Wapaw yɛn no. Ɛnsɛ sɛ yɛgye Onyankopɔn dɔ a ɔwɔ ma yɛn no ho kyim, ɛfiri sɛ Ɔnokwafoɔ ne Nea Wahyɛ yɛn bɔ no.
DWOADA: WO HO NYƐ DEN. (Marko 5:21-34)
Yesu a ahummɔborɔ ne tema ahyɛ no ma no, sii mu sɛ ɔrekɔsa Yairo, hyiadan mu panin bi babaa a na ɔyareɛ. Berɛ a wɔrekɔ no, ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dumienu de nsiyɛ ne animia bɔ wuraa dɔm no mu. Ɔde ne nsa kaa Yesu atadeɛ na amonom hɔ ara ɔnyaa n’ayaresa. Na ɔbaa mmɔborɔfoɔ no bɛtumi ada ne mpa so wɔ efie saa anɔpa no, nanso ɔfiri anidasoɔ pa mu nyaa ayaresa berɛ a ɔhwehwɛɛ Yesu no. Yesu to nsa frɛ yɛn nnɛ, sɛ yɛmmra Ne nkyɛn na Ɔbɛma yɛn ahome.
BENADA: HIOB. (Hiob 19:23-27, 23:8-12)
“Na medeɛ, menim sɛ me dimafoɔ te ase na awieeɛ no Ɔbɛgyina asase so.” Hiob nnamfonom kɔsraa no wɔ ne yareɛ ne n’amanehunu no mu. Wɔanka asɛmdɛ ne nkuranhyɛ asɛm ankyerɛ no, na mmom wɔkaa sɛ tebea a ɔwɔ mu no yɛ amumuyɛfoɔ ne wɔn a wɔnnim Nyankopɔn kyɛfa. Nea ɛtoo no nyinaa mu no, ɔgyinaa pintinn. Ɔkaa sɛ, “Adagya na mede mefiri me na yam baeɛ na adagya mu na mede bɛsane akɔ hɔ.” Ɛsɛ sɛ yɛnya Nyankopɔn mu ahotosoɔ wɔ mmerɛ a ɛsum aduru yɛn na anidasoɔ nyinaa asa.
WUKUADA: KWAN A ƐKƆ EMAUS. (Luka 24:13-27)
Berɛ a na asuafoɔ baanu rekɔ Emaus no, na wɔredwendwene asisɛm a akɔ so wɔ Yerusalem, ɛfa Yesu wuo ne nkra a mmaa bi se abɔfoɔ aka akyerɛ wɔn sɛ wɔasɔre na ɔte ase no ho. Yesu kɔkaa wɔn ho, na Ɔfiri Mose ne adiyifoɔ nyinaa so kyerɛɛ wɔn twerɛ no mu nsɛm a ɛfa Ne ho. Mpɛn pii no, yɛn werɛ firi sɛ Yesu ne yɛn na ɛnam. Yɛnhunu sɛ Ɔka yɛn ho. Ɛsɛ sɛ yɛgye di sɛ Yesu sɔ yɛn mu wɔ Ne nsam, na ɔnim yɛn abrabɔ mu sɛnea yɛnim yɛn ara yɛn ho.
YAWOADA: HUNU YESU. (Rom. 8:18-28)
Ɛmfa ho ne ɔbra mu akwansideɛ ahoroɔ no, ɛwɔ sɛ yɛma yɛn ani si Yesu so, ne nea Ɔda no adi fa Nyankopɔn dɔ no ho kyerɛ yɛn no so. Daeɛ yi mu obi a na ɔhaw gu ne soɔ a ɔkaa sɛ, sɛ anka Yesu wɔ asase yi so a, anka wɔde ne haw bɛkɔ akɔhwe Ne nan ase. Ankyɛre koraa ɔnyaa ɔhɔhoɔ bi a ɔde no kɔɔ Yesu nkyɛn. Yesu nso gyee no fɛw so de sereɛ twe pini me, de Ne nsa too me so sɛ, “Nsuro.” Anigye kɛseɛ da agyidifoɔ nokwafoɔ anim.
TƆFA:
Ɛyɛ mmerɛ a yɛakɔ ɔbra mu haw mu na ɛwɔ sɛ yɛbata Nyankopɔn ho. Sɛ wohyia akwansideɛ bi te sɛ yareɛ, sikasɛm mu ahokyerɛ, awaregyaeɛ, anaa ɔhaw biara a, hunu sɛ Yesu ayɛ krado sɛ Ɔbɛsoa yɛn nnesoa no nyinaa. Fa kɔ Yesu nkyɛn.
https://whatsapp.com/channel/0029VaW8PFWEAKWGqUGKyr0E
