Worship • Fellowship • Mission
Wiamoase New Town, Wiamoase Ashanti, Ghana
Guidance
Bible
mail us on
info@wiamoasenorthdistrictadventists.org
Make a Call
+233 548 861 500
Submit prayer requests
contact us
blog
Home » Sabbath School  »  Mpanimfoɔ Homeda Sukuu Adesua A Ɛtɔ So Nson (7) Tɔfabɔ.
Mpanimfoɔ Homeda Sukuu Adesua A Ɛtɔ So Nson (7) Tɔfabɔ.

ADESUA 7: ƆDƆ MFONI

 

NKAEBƆSƐM: Na afei gyidie, anidasoɔ, ɔdɔ, adeɛ mmiɛnsa yi na ɛtena hɔ; na ɔdɔ ne emu kɛseɛ. (1 Kor. 13:13)

Ɔdɔ bɛtumi adi ade nyinaa so nkonim. Wɔda ɔdɔ adi wɔ abrabɔ mu, wɔ nneyɛɛ ne nsɛm mu. Nea ɔdɔ kyerɛ, na ɛyɛ ankasa no, adaadi koraa wɔ Yesu abrabɔ mu, “Na obi dɔ Onyankopɔn a, ɔno na Onyankopɔn dɔ no.”

 

KWASIADA : ƆDƆ HO HIA A ƐHIA. (1 Kor. 13, Mat. 24:12)

Paulo de Kristo yɛ ɔdɔ nhwɛsoɔ ma yɛn. Berɛ a ɔsɛne asɛnnua no so rewu ama yɛn no mpo, na Ɔresrɛ bɔnefakyɛ ama wɔn a wɔrebɔ No asɛnnua mu no. Paulo ka sɛ ɔdɔ yɛ adom soronko bi a, Honhom no na ɔde ma yɛn. Ɛyɛ yɛn nneyɛɛ, ne yɛn atenka, ne yɛn yɔnkonom. Ɛwom sɛ yɛretumi nna saa ɔdɔ no bi adi mma no nnuru Yesu deɛ no, nanso ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛda bi adi wɔ yɛn ne afoforɔ asetena mu.

 

DWOADA: NEA ƆDƆ YƐ. (1 Kor. 13:4-7)

Paulo da ɔdɔ adi wɔ nipasu mu sɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi de yɛn ani abu sɛnea obi a ɔdɔ a Honhom na ɛkanyan no no yɛ n’adeɛ fa.

1. Ɔdɔ da abodwokyɛre adi - Aboterɛ                                                               

2. Ɛda ayamyɛ adi - ayamyɛ ne mmɔborɔhunu a yɛnya ma afoforɔ.           

3. Ɛne nokorɛ ani gye - ɔne afoforɔ bɛnya anigyeɛ abom.                                 

4. Ɛgye ade nyinaa - Wɔwɔ mpenesoɔ wɔ ade pa ho.                                 

5. Ɛgye ade nyinaa di - sɛ wɔrema obi anaa afoforɔ gyinaberɛ ho kwan.   

6. Ɛnya ade nyinaa mu anidasoɔ - Ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu. Ɛnyɛ mpepreho.

 

BENADA: NEA ƆDƆ NYƐ. (1 Kor. 13:4-7)

Paulo bobɔ nneɛma a obi a ɔwɔ Kristo dɔ no rentumi nyɛ so.                       

1. Nyɛ ahoɔyea - pɛsɛmenkonya.                                                                     

2. Nyɛ ahokyerɛ - ahantan nneyɛɛ.                                                                   

3. Ɛmmema ne ho so - nkunkon.                                                                     

4. Nyɛ ne ho nea ɛmfata - Ɛnyɛ nneɛma a ɛne abrabɔ bɔ abira.                       

5. Nhwehwɛ nea ɛyɛ ɔno nko ara ne deɛ - Ɛnhwehwɛ ɔno ara yiedie.       

6. Ne bo nha no - ne bo mfu ntɛmtɛm.                                                             

7. Mfa bɔne nhyɛ ne yam - sɛ wode bɔne rekyɛ.

8. N’ani nnye nea ɛntene ho - Nsosɔ ade bɔne yɛ so, mmom ɛboa obi yi no firi mfomsoɔ mu.

 

WUKUADA: YESU HO MFONI. (Yoh. 13:1, 34, 15:9, 12, 1 Tim. 1:14, 2 Tim. 1:7, 13, 1 Yoh. 3:16, 4:7-12, 19-21)

Onyankopɔn yɛ ɔdɔ. Ɔdɔɔ yɛn kɛseɛ sɛ ɔde Ne Ba koro pɛ no mae. Yesu yɛ ɔdɔ nhwɛsoɔ adiyie. Yesu abrabɔ ne ɔdɔ nsɛm a ɛwɔ 1 Kor 13 no nyinaa kɔ pɛ. Yesu wɔ abodwokyɛre. Yesu yam yɛ “Yesu ani gye wɔ nokorɛ mu.” Yesu nyaa anigyeɛ berɛ a ɔdii N’agya apɛdeɛ soɔ. Yesu gyinaa wɔ ade nyinaa mu. Yesu gye nneɛma nyinaa di. Berɛ a Anania gyee Paulo adwensakra ho kyim no, Yesu kaa sɛ “Oyi ne ade a Mayi no.”

 

YAWOADA: GYIDIE, ANIDASOƆ, NE ƆDƆ.

Paulo ka sɛ berɛ a yɛhunu sɛ saa ɔdɔ su ahoroɔ no nyinaa wɔ Yesu mu no, anammɔn a ɛdi soɔ ne sɛ yɛbɛsua No. Sɛ monim sɛ, ahoyea, ahokyerɛ, ahomasoɔ, ani-a-ɛnsɔadeɛ, ahopɛ, kokobɔne ne afoforɔ mfomsoɔ a wɔrehwehwɛ wɔ mo asafo no mu? Paulo hwehwɛ sɛ saa subɔne no nyinaa bɛfiri Awurade asafo no mu. Sɛ yɛannya Kristo dɔ no bi a, ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛhunu Awurade animu ne animu. Ɛfiri sɛ ɔdɔ na yɛde bɛtena ɔsoro ne asaase foforɔ no soɔ.

 

TƆFA:

Nokorɛ suani ne obia ɔwɔ ɔdɔ ma Onyankopɔn ne ne yɔnko nipanom. Gyidie a gyidini de bɛyɛ anwanwadeɛ akɛseɛ biara no, sɛ Kristo dɔ no nka ho a, mfasoɔ biara mma so. Ebia ɔbɛtumi ada ayamyɛ kɛseɛ adi, nanso sɛ ɛnyɛ nokorɛ dɔ mu a, ɛyɛ ɔkwa Awurade ani nsɔ.

 

https://whatsapp.com/channel/0029VaW8PFWEAKWGqUGKyr0E