NKAEBƆSƐM: "Na Awurade ka kyerɛɛ Paulo anisoadehunu mu anadwo sɛ: Nsuro, kasa, na mmua w'ano! Ɛfiri sɛ Meka wo ho na obiara renka wo mmɛyɛ wo hwee; na Mewɔ nkurɔfoɔ pii kuro yi mu." (Asom. 18:9, 10)
Paulo yɛɛ adwuma sɛ ntomadan yɛfoɔ de bɔɔ ne ho bra, nanso na n'adwuma ankasa ne sɛ ɔregye nkurɔfoɔ abrɛ Kristo. Paulo som adwuma a ɔyɛɛ no asafo a ɛwɔ Korinto kuro no mu haw no bi da so wɔwɔ yɛn nsafo ahoroɔ no mu nnɛ yi ara. Nokwarɛ a yɛredi wɔ asɛnnua nkrasɛm yi ho no ne ɔkwan pa a yɛbɛfa so adi nkoden a yɛwɔ no nnɛ yi ho dwuma so nkonim.
KWASIADA : PAULO YESU SOMAFOƆ A ONYANKOPƆN AFRƐ NO. (1 Kor 1:1, Rom 1:1, Gal 1:1)
Paulo da ne ho adi sɛ ɔyɛ Yesu somafoɔ a wɔnam Onyankopɔn pɛ so afrɛ no. Paulo gye di sɛ ne frɛ no mfiri nnipa hɔ, na mmom ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn. Paulo ka sɛ ɔka wɔn a Kristo yii Ne ho adi kyerɛɛ wɔn wɔ owusɔreɛ no akyi no ho. Kristo ne no kasaeɛ sɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛbɔ asɛmpa no ho dawuro wɔ amanaman mufoɔ mu. Na Paulo pɛ sɛ ɔbɛdi Yesu ho adanseɛ akyerɛ n'atiefoɔ, sɛ ɛbɛyɛ a wɔn nso bɛyɛ Kristo akyidifoɔ nokwafoɔ, abrabɔ pa.
DWOADA: ƐfIRI ATENE KƆ KORINTO. (Asom 17:16–34, 18:1–11) Ɛnam sɛ
Yudafoɔ sɔretiafoɔ a na wɔfiri Tesalonika baa Beroia pɛɛ sɛ ɔde basabasayɛ ba nti, wɔgyaa Paulo kwan sɛ ɔnkɔ Atene. Wɔ Atene hɔ no Paulo kaa Kristo asɛmpa no wɔ hyiadan mu, edwa mu ne Areopago. Na Ɔntumi nnyae sɛ ɔbɛfa akwannyɛ biara so adi Yesu ho adanseɛ. Berɛ a ɔfiri Atene kɔɔ Korinto no ɔfiri n'asɛmpatrɛ adwuma no ase wɔ hyiadan mu. Paulo anhwehwɛ biribiara amfiri Korintofoɔ no ho, gye sɛ ɔrebɔ Kristo ne N'asɛnnua no ho dawuro akyerɛ wɔn.
BENADA: KORINTO KURO NO. (Asom 18:1–3, 1 Kor 5:9–11, 8:4)
Paulo hunuu Yudani bi a ne din de Akwila ne ne yere Priskila wɔ Korinto, na ɔne wɔn kɔtenaeɛ. Ɛnam sɛ Akwila ne Paulo yɛ ntomadanyɛfoɔ nti wɔbɔɔ mu tena yɛɛ adwuma. Paulo paw Korinto ɛsiane kuro no, ne so mfasoɔ ne ne daberɛ nti. Na akwantuo wɔ hɔ bɛyɛ mmerɛ na n'adwadie wɔ ntomadan no nso bɛkɔ so. Paulo hyiaa nkoden wɔ Korinto, ɛfiri sɛ, na ɔsom ahoroɔ bebree ama bra bɔne pii rekɔ so wɔ hɔ. Na ahonisom ne adwamansɛm bata daadaa asetena no ho. Sɛnea ɛte nnɛ yi ara nso wɔ nkuro akɛseɛ mu no.
WUKUADA: NKURƆFOƆ PII KURO YI MU. (Asom 18:1–8, 9, 10)
Paulo hyiaa sɔretia berɛ a ɔpɛɛ sɛ ɔka Kristo asɛmpa no wɔ Yudafoɔ mu wɔ Korinto no. Anigyesɛm ne sɛ Krispo a na ɔyɛ Yudafoɔ hyiadan panin no ne n'abusuafoɔ gyee Yesu too mu sɛ Mesaia maa wɔbɔɔ wɔn asu. Korintofoɔ bebree a wɔteeɛ nso gye dii maa wɔbɔɔ wɔn asu. Paulo ahoɔden a ɔnyaeɛ no gyinaa anisoadehunu a Onyankopɔn yii Ne ho adi ka kyerɛɛ no sɛ: "Nsuro, kasa, mmua w'ano! Ɛfiri sɛ Meka wo ho."
YAWOADA: PAULO NWOMA A ƆTWERƐ KƆMAA KORINTOFOƆ NO. (1 Kor 1:11–13; 4:14; 5:11; 7:1; 14:37, 40; 2 Kor 1:12; 2; 9; 11:3; 13:10)
Paulo nwoma a wɔtwerɛ kɔmaa Korintofoɔ no gyina amaneɛbɔ a ne nsa kaaeɛ a ɛyɛ mpaapaemu, nna mu agobɔne, mansotwe ne adwamanmmɔ. So, Paulo nsa kaa krataa a ɛwɔ nsɛmmisa fa awareɛ, awaregyaeɛ, sugyadie, nnuane a wɔde abɔ afɔreɛ ama abosom. Nea ɛka ho ne nsom mu nneyɛe pa, adom akyɛdeɛ dwumadie, ne owusɔreɛ a nteaseɛ nwie pɛ yɛ. Paulo twerɛɛ nwoma maa ho mmuaeɛ. Sɛ yɛde asɛmpa ahwehwɛniwa hyɛ a, ɛbɛboa yɛn ama yahunu, atwe yɛn ho afiri ahantan wiase atantanneɛ ho.
TƆFA:
Nkuranhyɛ nsɛm a Awurade de maa Paulo wɔ anadwo anisoadehunu mu no, da so ara wɔ ho ma yɛn: "Nsuro, kasa, na mmua w'ano. Ɛfiri sɛ Meka wo ho." Amen.
