ADESUA 13: ADOM, ƆDƆ, NE AYƆNKOFA
NKAEBƆSƐM: Yɛn Awurade Yesu Kristo adom ne Nyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron ayɔnkofa nka mo nyinaa. (2 Kor. 13:14).
Paulo si ahyɛdeɛ nnum bi so dua a, ɛbɛboa ama yɛne Onyankopɔn adi nkitaho a ɛyɛ anigyeɛ, foforɔyɛ, nkuranhyɛ, baakoyɛ ne asomdwoeɛ. Saa su ahoroɔ yi na Awurade hwehwɛ firi N’akyidifoɔ hɔ.
KWASIADA : YESU ADOM. (Rom. 16:20, Gal. 6:18, Flp. 4:23, 1 Tesa. 5:28)
Yɛn Awurade Yesu Kristo Adom nka mo. Paulo bɔ Yesu adom so mprɛ pii wɔ ne nwoma ahoroɔ no mu. Wɔn a wɔnya saa adom mmorosoɔ yi nam Yesu Kristo, so bɛdi ahene, nkwa na pii mu. Na Paulo pɛ sɛ asafo ahoroɔ no nyinaa te adom a ɛfiri yɛn Awurade Yesu Kristo ma yɛn no ase yie. Yesu adom no na ama Onyankopɔn agye yɛn ayɛ Ne mma bio, afei yɛtumi srɛ yɛn bɔne berɛ a yɛmmfa aboa, na ɛnnam asofoɔ biara soɔ.
DWOADA: ONYANKOPƆN DƆ. (Yoh. 3:16, Rom. 8:37-39, 1 Yoh. 4:8-11)
Ɔdɔ yɛ Onyankopɔn su titire. Yɛbɛtumi ahunu ɔdɔ wɔ sɛnea Onyankopɔn de Ne Ba koro no maa sɛ Ɔmmewu ma yɛn no. Na Paulo pɛ sɛ Korintofoɔ no tena baakɔyɛ mu. Nanso, sɛ ɔdɔ nni hɔ a, baakoyɛ biara nni hɔ. Paulo ka sɛ, “Onyankopɔn yi Ne dɔ a Ɔdɔ yɛn no kyerɛ, ɛfiri sɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn”. Onyankopɔn dɔ no kyɛne ayɔnkofa a ɛda awarefoɔ ntam, ne awofo ne mma ntam, ɛsɛ sɛ yɛsua, ne nea yɛyɛ nyinaa, yɛyɛ no ɔdɔ kwan so.
BENADA: ƆDƆ NYANKOPƆN NO. (2 Kor. 13:11)
Paulo ka sɛ ɔdɔ ne asomdwoeɛ yɛ Onyankopɔn su ankasa. Enti Ɔyi Ne dɔ kyerɛ yɛn, na Ɔma yɛn asomdwoeɛ. Paulo nwoma ahoroɔ mu no ɔde su ahoroɔ frɛ Onyankopɔn: Boasetɔ ne awerɛkyekyerɛ Nyankopɔn, Anidasoɔ Nyankopɔn, asomdwoeɛ Nyankopɔn, Mmoborɔhunu Agya, awerɛkyekyerɛ nyinaa Nyankopɔn. Onyankopɔn Baasakoro yi dɔ yɛn, na Ɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛnnodɔ yɛn ho, sɛnea ɔdɔ a ɛwɔ wɔn ntam no teɛ no.
WUKUADA: HONHOM KRONKRON NO AYƆNKOFA. (1 Kor. 2:10-11, 12:11, 2 Kor. 3:6,17)
Honhom Kronkron no ayɔnkofa bɛtumi akyerɛ, wɔne wɔn ho wɔn ho ayɔnkofa a Honhom no de ma, anaa ayɔnkofa a wɔne Honhom no Ankasa nya. Paulo kyerɛkyerɛ nea Honhom Kronkron yɛ ma yɛn mu. Ɔpia asafo no nkɔsoɔ; Ɔma tumi de ma asɛmpaka adwuma; Ɔda Onyankopɔn nneɛma a ɛmu dɔ adi; Ɔkyerɛkyerɛ yɛn; Ɔtena yɛn mu; Ɔne Kristo yɛ adwuma ma yɛn bembuo; Ɔma asafo honhom fam akyɛdeɛ; Ɔsɔ yɛn ano ma nkwagyeɛ; Ɔtwerɛ mmara no nnipa akomam; Ɔma ahofadie firi bɔne mu, ma nkwa foforɔ Kristo mu.
YAWOADA: YƐN NYANKOPƆN BAASAKORƆ NO. (1 Kor. 1:3-4,9, 10:16, 2 Kor. 1:2,12, Rom. 8:35, 15:30, Gal. 2:20, Efe. 3:19)
Agya no, ne Ɔba no, ne Honhom Kronkron no yɛ adwuma bom ma yɛn nkwagyeɛ. Adom, Ɔdɔ ne ayɔnkofa mfiri wɔn mu baako pɛ ho, na mmom wɔn Baasa nyinaa. Agya Nyankopɔn no somaa Yesu, a ɛkyerɛ sɛ Agya no ne saa nhyehyeɛ no Nsuti. Ɔba no gyee yɛn na Ɔde yɛn sane baa yɛne Agya no ntam ayɔnkofa pa mu. Honhom Kronkron hyɛ yɛn nso sɛ Nyankopɔn mma wɔ mmara kwan so. Nyameti no mu Nnipa baasa no bom yɛ adwuma ma yɛn nkwagyeɛ.
TƆFA:
Yesu Kristo adom no nko ara na ɛbɛtumi asesa ɔboɔ akoma no. Nnipa nni tumi biara a wɔde bɛma ɔkra no adi bem, na wɔate akoma no ho. Onyankopɔn ne dɔ. Ne tebea, Ne mmara no yɛ dɔ. Ɔtena ho daa, na ɛbɛtena ho daa. Honhom Kronkron ka Nyame Baasakoro no ho kura nipasu. Ɔyɛ ɔsoro nipa a Ɔtumi hunu ahintasɛm a asie wɔ Onyankopɔn adwene mu. Amen
https://whatsapp.com/channel/0029VaW8PFWEAKWGqUGKyr0E
