NKAEBƆSƐM: Me werɛ remfiri wo nsiesie ara da, na ɛno so na wonam ma menya nkwa. Meyɛ wo dea, gye me nkwa, na medi Wo nsiesie akyi. (Dw. 119:93-94)
Bɔne na ɛtete yɛne Onyankopɔn ntam. Ɛtɔ mmerɛ bi a, yɛdi bɔne ho agorɔ ma ɛde nsunsuansoɔ bɔne ba yɛn so. Mpɛn dodoɔ a yɛredi bɔne ho agorɔ saa kwan no ara so na ntetemu fa ba yɛne Onyankopɔn nkitahodie mu. Nea bɔne tumi yɛ bi ne sɛ ɛtete nnipa ne ne yɔnko nnipa ne Nyankopɔn ayɔnkofa mu.
KWASIADA : AKWANSIDEƐ NE SƆHWƐ AHOROƆ NO. (Atemmufoɔ 14, 16:1, 4, 16, 17)
Yɛwɔ akwansideɛ bebree a ɛsi yɛne Onyankopɔn nkitahodie ho kwan, ɛbi yɛ adwumasɛm, ntentanfidie ahoroɔ, agodie ahoroɔ, dwadie, anonneɛ ne adidie. Yesu yɛ nhwɛsoɔ ma yɛn. Na Ɔtaa fa mmerɛ ne N’Agya di nkitaho. Ɛno na ɛmaa no, ahoɔden ne tumi a ɔde dii bɔne so nkonim no. Samson hwee ase ɛfiri sɛ ɔde ne ho too n’ahoɔden so, sɛ ɛbɛboa no ama wadi sɔhwɛ so nkonim. Ɛyɛ atamfo no nhyehyɛɛ sɛ ɔde nneɛma bɛtwintwan yɛn akwan mu, asi yɛne Onyankopɔn ayɔnkofa ho kwan.
DWOADA: MENE ONYANKOPƆN NTAM AYƆNKOFA NO ATRAPƆE AHOROƆ.(Marko 9:42-48)
Bible no mu nsɛm binom asekyerɛ.
1. “Enti deɛ ɛyɛ no sɛ ɔgyina hɔ no nhwɛ yie na wanhwe ase”. Sɛnea Samson yɔe no, yɛn ho ahotɔsoɔ bɛbrɛ yɛn ase
2. “Mommmu atɛn na wammu mo atɛn, Na atɛn a mobuo no, wɔde bɛbu mo” Gyae sɛ woyɛ wo ho denneenen na wobu nkurɔfoɔ atɛn.
3. “Na me deɛ, mese mo sɛ, Obiara a, ne bo fu ne nua no bɛdi atemmuo mu fɔ. Ebia na wobu wo ho bem, nso wo na woreyɛ abufusɛm. Yesu bɔ yɛn kɔkɔ fa bɔne abrabɔ biara ho.
BENADA: MMARA NO. (Rom. 3:20, 1 Yoh. 3:4)
Bɔne ne mmarato, na w’akata bɔne ho ahyɛ yɛn tebea ase. Enti ɛyɛ mmara no na ɛma yɛhunu bɔne yie. Obiara a wɔ yɛ bɔne no, ɔyɛ de to mmara. Mmara te sɛ ahwehwɛ, sɛ yɛhwɛ mu a, yɛhunu sɛnea yɛteɛ ankasa. Onyankopɔn na Ɔde N’ankasa nsa twerɛɛ mmara nsɛm du no. Wakyɛ mmara no mu mmienu, ɔdɔ a ɛsɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne ɔdɔ a yɛnya ma yɛne afoforɔ. Asomdwoeɛ, anigyeɛ, ahotɔ ne sereɛ ba, berɛ a yɛredi Onyankopɔn mmara so yie no.
WUKUADA: MMARA NO NE ASƐMPA NO. (Mateo 5:17-18)
Yesu si no pi kyerɛ nnipa nyinaa sɛ, Monsusu sɛ mebaa sɛ merebɛsɛe mmara anaa Adiyifoɔ no, Mamma ammɛsɛe na mmom mebɛhyɛɛ no ma. Enti mmara nsɛm du no rentwa mu da. Onyankopɔn de mmara no mae sɛ ɛbɛbɔ yɛne N’ayɔnkofa ne afoforɔ deɛ ho ban. Yesu kaa sɛ, sɛ wodɔ Me a, di M’ahyɛdeɛ so. Ɛnyɛ mmara so na Onyankopɔn nam bɛgye yɛn nkwa na mmom nkwagyeɛ nam Yesu mu gyidie mu na ɛba. Momma yɛnkae, (Yoh3:16)
YAWOADA: REHU NE REYƐ. (Mateo 7:24-29)
“Ɛnyɛ obiara a ɔse Me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu, na nea ɔyɛ M’agya a ɔwɔ soro No apɛdeɛ.” Ɛmma yɛmfa Bible no mu nokorɛ ahoroɔ no nni agorɔ koraa. Ɛsɛ sɛ ɛtumi sesa yɛn suban bɔne na ɛma yɛne Onyankopɔn nya ayɔnkofa. Wɔde Bible mu nsɛm atiefoɔ, toto adansifoɔ mmienu ho. Baako sii ne deɛ ɔbotan so na ɔbaako nso sii ne deɛ anwea mu. Sɛn na ɛbɛwie adansifoɔ yi? Sɛnea adansie nyɛ kokoa mu adeɛ nti, ɛsɛ sɛ yɛtena ase wɔ Yesu teneneeyɛ mu ma nnipa hu yɛn saa.
TƆFA:
Bɔne ahyɛ yɛn abrabɔ mu ma, na ɛtete yɛne Onyankopɔn ntam. Onyankopɔn to nsa frɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn adwene nyinaa, akoma nyinaa, yɛn kra nyinaa ne yɛn ahoɔden nyinaa nhunu na yɛnnɔ No, ne yɛn ho yɛn ho. Sɛ nnipa de anjgyeɛ akoma ne anidie rema Onyankopɔn asɛm Kronkron no a, yɛbɛtumi ayɛ nea ɔsoro hwehwɛ. Amen
https://whatsapp.com/channel/0029VaW8PFWEAKWGqUGKyr0E
