Worship • Fellowship • Mission
Wiamoase New Town, Wiamoase Ashanti, Ghana
Guidance
Bible
mail us on
info@wiamoasenorthdistrictadventists.org
Make a Call
+233 548 861 500
Submit prayer requests
contact us
blog
Home » Sabbath School  »  Mpanimfoɔ Homeda Sukuu Adesua A Ɛtɔ So Du (10) Tɔfabɔ.
Mpanimfoɔ Homeda Sukuu Adesua A Ɛtɔ So Du (10) Tɔfabɔ.
ADESUA 10: ADWENSAKRA NE BƆNEFAKYƐ

NKAEBƆSƐM: Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ a, Ɔyɛ nokwafoɔ ne teneneeni sɛ Ɔde yɛn bɔne bɛfiri yɛn, na Wate yɛn ho afiri deɛ ɛntene nyinaa ho. (1 Yoh. 1:9)

Nnawɔtwe yi adesua no twe adwene si Israelfoɔ no hwanmmɔdie, berɛ a wɔhyɛɛ Aaron maa wɔyɛɛ sika nantwieba de gyinaa hɔ maa Onyankopɔn som no no. Berɛ a Mose yii wɔn atɛn no, wɔn mu binom a wɔnyaa adwensakra no nyaa bɔnefakyɛ firii Awurade hɔ sɛnea nkaebɔsɛm no ka no.


KWASIADA : ABRABƆ MU AHOPEREƐ. (Yes. 64:6, Sak. 3:4, Yes. 61:10)

Adesua no de ma yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn Nyamesom ho adwuma hia yɛn da biara sɛnea yɛyɛ yɛn da biara dwumadie no. Ɛsɛ sɛ yɛtena Yesu nan ase sɛ Mary na yɛtie N’asɛm, ɛnyɛ Homeda nko, na mmom da biara da. Ɛsɛ sɛ yɛhunu nneɛma a ɛma yɛne Onyankopɔn ntam ayɔnkofa yɛ mmerɛ anaa sɛ ɛsɛeɛ no na yɛtwe yɛn ho firi ho. Sɛ yɛn akoma te bɔne ne mpaapaemu ho yea no nka, na yɛfrɛ Yesu a, Ɔbɛn yie paa ara sɛ Ɔbɛtie yɛn, na Ɔde yɛn bɔne afiri yɛn, ahyɛ yɛn tenenee atadeɛ.


DWOADA: HONHOM KRONKRON NO ATƐNYIE AHORO.(Hosea 6)

Sɛ yɛyɛ mfomsoɔ na yɛte nka sɛ yɛayɛ bɔne a, ɛyɛ paa ara sɛ yɛka *“Mepakyɛw”*. Mfa ho sɛ ɔyɛ ɔyere, ɔba anaa ɔpaani. Yei yɛ nokorɛ wɔ yɛne Onyankopɔn ntam nso. Honhom Kronkron no taa yi yɛn atɛn wɔ bɔne a yɛyɛ ho. Nanso yɛtaa si yɛn aso, bu yɛn ani gu saa atɛnyie no so. Mmom no bɔne ho awerɛhodie nokorɛmu yɛ ahiadeɛ ma yɛn sɛ agyidifoɔ. Sɛ yɛte nka sɛ, bɔne biara ma Yesu pira no yɛ foforɔ a, ɛbɛma yɛagyae bɔne yɛ.


BENADA: NOKORƐ ADWENSAKRA. (Asom. 3:18-19)

Yesu ne Yohane nyinaa frɛɛ wɔn atiefoɔ no baa adwensakra mu, ɛnam sɛ ɔsoro ahennie abɛn no nti. Adwensakra kura anammɔn mmienu:

(1) nokorɛ yawdie wɔ bɔne ho

(2) agyinasie a wɔyɛ no nokorɛm sɛ wɔbɛgyae bɔneyɛ.

Sɛ yɛsakra yɛn adwen nokorɛm a, Onyankopɔn de bɔne no kyɛ. Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛbɛsane aba Ne nkyɛn wɔ adwensakra ne gyidie mu. Sɛ yɛde yɛn ho hyɛ Ne nsam koraa a, Ɔbɛtenetene yɛn suban asiesie akɔ Ne nsɛsoɔ mu.


WUKUADA: ADOM A ƐDƆƆSO. (Exod. 34:1-10)

"Na bɔne akatua ne owuo! na Onyankopɔn adom akyɛdeɛ ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu." "Na nea bɔne adɔɔso no, adom aboro so akyɛne no. Na sɛnea bɔne dii hene owuo mu no, adom nso nam tenenee so adi hene afa yɛn Awurade Yesu Kristo so kɔ daa nkwa mu."Sɛ yɛhunu yɛn bɔne na yɛpae mu ka kyerɛ Awurade sɛ “Hu me debɔneyɛni mmɔbɔ a, Ɔde yɛn bɔne firi, te yɛn ho firi nea ɛntene nyinaa ho.”


YAWOADA: ATADEƐ A NE BOƆ YƐ DEN KYƐN SOƆ. (Mat. 22:1-14)


TƆFA:

Yɛrehunu yɛn bɔne sɛ Honhom Kronkron no atɛnyie ho mmuaeɛ na yɛde yɛn ho rema wɔ adwensakra mu no yɛ ayɔnkofa a ɛte apɔ a yɛne Nyankopɔn bɛnya no mu ade titire. Yɛrehunu sɛ wɔde yɛn bɔne akyɛ yɛn koraa na wɔde Yesu tenenee atadeɛ no ahyɛ yɛn no ne nsakraeɛ suahunu a ɛkyɛn so koraa ma ɔdasani. Amen!