ADESUA 3: APAM DADA MU ADIYIFOƆ
NKAEBƆSƐM: Yehosafat gyinaeɛ na ɔkaa sɛ: Yuda ne Yerusalemfoɔ, montie me, Monnye Awurade mo Nyankopɔn nni, na mobɛtim, na monnye N'adiyifoɔ no nni, na mobɛdi yie. (2 Berɛsosɛm 20:20)
Onyankopɔn nam Apam Dada mu adiyifoɔ ahoroɔ so maa ne mma, Honhom mu akwantufoɔ a yɛretu kwan akɔ ɔsoro no akwankyerɛ. Onyankopɔn maa wɔfaa afutuo, nkɔmhyɛ ahoroɔ, anwensɛm ne wɔn nnwom so de Ne nkrasɛm no ɛmaa yɛn. Na wɔn abrabɔ nnyɛ ahogono. Wɔfaa akwansideɛ ne nkoden pii mu. Na wɔte sɛ Yɛn ara wɔ sintɔ ne mmereyɛ mu.
KWASIADA : ADIYIFOƆ NIPASU. (Yakobo 5:17, 1 Ahe. 19:1-16)
Elia dii nkonim nwanwasoɔ wɔ Bepɔ Kamel so. Ɔbɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ, na ogya firi soro bɛhyee n’afɔreɛ no. Ɔnyaa anigyeɛ mmoroso, nanso Ɔhene Ahab yere Yesebel de okum ahunahuna sɛe na n’anigyeɛ maa no dwanee. Ne dwaneeɛ mu no ɔkɔtenaa sesea bi ase, na ɔsrɛ maa ne ho sɛ anka ɔnwu, na ɔkaa sɛ: “Ayɛ yie, afei Awurade fa me kra, na menyɛ nsene M’agyanom”. Elia susuu sɛ ɔno nko ara na aka no wɔ Israel a, ɔretwe ninkum ama Awurade, Na Elia yɛ nipa te se yɛn ara. Sɛ wokɔ sintɔ mu a, hunu sɛ Awurade ne wo boafoɔ.
DWOADA: REHUNU NOKORƐ ADIYIFOƆ. (1 Ahe. 22:1-14, 1 Sam. 9:3-14)
Sɛ ɔhene bi ka sɛ “metane no ɛfiri sɛ ɔnhyɛ me ho nkɔm pa”, fa Odiyifoɔ bi ho a, na ɛkyerɛ sɛ saa ɔhene no nneyɛɛ nsɔ Awurade ani. Na saa Odiyifoɔ no nso yɛ nokorɛ diyifoɔ a ɔka nea Awurade de asoma no. Odiyifoɔ Mikaia daa Onyankopɔn nokorɛ adi tiaa baal adiyifoɔ ahanan. Berɛ a na Saul ne ne somfo rehwehwɛ n’agya mfunumu no, ɔsomfoɔ no dii Samuel ho adanseɛ sɛ Ɔyɛ Nyankopɔn nipa nokwafoɔ a n’anim yɛ nyam.
BENADA: ADIYIFOƆ DWUMADIE AHOROƆ. ( 1 Sam. 8:4-22, Lev. 8:10-13)
Israel mpaninfoɔ kɔɔ Odiyifoɔ Samuel hɔ kɔkaa sɛ wɔhia ɔhene no, ansɔ Samuel ani. Samuel bɔɔ Awurade mpaeɛ wɔ ho. Awurade maa wɔhunuu asodie ne mmusuo a, wɔn ahwehwɛdeɛ de bɛba wɔn ne wɔn nkyirimma soɔ; nanso wɔantie kɔkɔbɔ no. Awurade maa wɔsii Saul hene maa wɔn. Israel ahemfo no dodoɔ ara na wɔdii abɔnefosɛm, na wɔyɛɛ nea ɛntene Awurade ani so. Adiyifoɔ sane ne asofoɔ dii nkitaho nso. Mose sraa Aaron ne ne mma ngo yɛɛ wɔn Kronkron. Na adiyifoɔ yɛ mpaebɔfoɔ, na wɔnim Bible no nso.
WUKUADA: ADIYIFOƆ MMAA. (Ex. 15:20, Atem. 4:4, 2 Ahe. 22:14, Neh. 6:14)
Adanseɛ pii wɔ Bible mu a Onyankopɔn frɛɛ mmaa sɛ wɔmmɛyɛ adiyifoɔ. Wɔda Miriam adi sɛ odiyifoɔ baa a ɔtoo nkunimdie dwom berɛ a Israelfoɔ twaa ɛpo Kɔkɔɔ no. Odiyifoɔ Debora nso dii dwuma sɛ odiyifoɔ ne otemmufoɔ wɔ Israel. Ɔhene Yosaia somaa n’agyinatufoɔ kɔɔ Odiyifoɔ baa Hulda nkyɛn kɔbisaa no Awurade akwankyerɛ. Hulda yi wɔn atɛn sɛ wɔn nneyɛɛ bɔne ne so nsunsuansoɔ a Awurade de bɛma wɔn. Na Noadia yɛ odiyifoɔ torofoɔ baa a ɔpɛɛ sɛ ɔbu Nehemia abam.
YAWOADA: ATORƆ ADIYIFOƆ. (Yer. 14:1-15)
Na Awurade nokorɛ adiyifoɔ no yi ɔman no atɛn wɔn bɔne ho. Na atorɔ adiyifoɔ deɛ, nea Awurade ka fa wɔn ho nie! “Atorɔ adiyifoɔ no de hyɛ me din mu nkɔm, mensomaa wɔn, na menhyɛɛ wɔn, na menkasa menkyerɛɛ wɔn, atorɔ anisoadehunu ne nkɔmhyɛ ne nsɛmhunu, ne wɔn akoma mu nnaadaa na wɔka kyerɛ mo yi”. Odiyifoɔ Mikaia antie ɔhene Ahab somafoɔ no afutuo no, nea ɔkaeɛ ne sɛ deɛ Awurade aka no ɛno ara na mɛka. Asɛm biara ɛtia Awurade asɛm yɛ atorɔ nkɔmhyɛ.
FIADA: ƐNYƐ PƐYƐ MU NA MMOM ƆPƐ MU.
Ellen G. White faa ɔhaw korɔ a Bible mu adiyifoɔ no faa mu no bi. Ellen White twɛnee Onyankopɔn frɛ no wɔ amanehunu mu berɛ a ɔtwerɛɛ sɛ: Awurade maa mehunuu biribi foforɔ, na ɔkyerɛɛ me sɔhwɛ ahoroɔ a ɛsɛ sɛ mefa mu no; sɛnea ɛsɛ sɛ me ne afoforɔ di no wɔ nea Wada no adi akyerɛ me no ho. Sɛ mɛhyia sɔretia kɛseɛ, na mahyia honhom mu ateetee ho haw. Nanso agyidifoɔ mpaebɔ ahoroɔ ne wɔn nkuranhyɛnsɛm akyi no ɔgyee ɔfrɛ no so na ne som adwuma no hyɛɛ agyidifoɔ nkuran na ɛtwee wɔn baa Bible no nokorɛ ahoroɔ ho. Onyankopɔn dii saa agyidifoɔ yi anim na wɔde Memenda Akwanhwɛfoɔ Asafo no timm hɔ wɔ afe 1863 mu, na ɔtwerɛɛ nkrataa bɛyɛ apem.
Adesuadeɛ: Onyankopɔn paw nnipa a wɔnwie pɛyɛ nanso wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛsom No.
https://whatsapp.com/channel/0029VaW8PFWEAKWGqUGKyr0E
