Worship • Fellowship • Mission
Wiamoase New Town, Wiamoase Ashanti, Ghana
Guidance
Bible
mail us on
info@wiamoasenorthdistrictadventists.org
Make a Call
+233 548 861 500
Submit prayer requests
contact us
blog
Home » Sabbath School  »  Mpanimfoɔ Homeda Sukuu Adesua A Ɛtɔ So Nsia (6) Tɔfabɔ.
Mpanimfoɔ Homeda Sukuu Adesua A Ɛtɔ So Nsia (6) Tɔfabɔ.

ADESUA 6: HONHOM AKYƐDEƐ AHOROƆ.

NKAEBƆSƐM: Mompɛ ɔdɔ akyiri kwan,  na mommɔ honhom akyɛdeɛ no ho mmɔden, ne titire sɛ mobɛhyɛ nkɔm. (1 Kor. 14:1)


Sɛnea nipadua wɔ akwaa bebree, na akwaa no biara yɛ n'adwuma de boa nipadua no, saa ara na wɔde Kristo asafɔ no toto ho. Asafo mma yɛ pii, na wɔn mu biara di wɔn akyɛdeɛ ho dwuma de boa asafo no nkɔsoɔ. Honhom akyɛdeɛ ahoroɔ no nyinaa, wɔde yɛ adwuma ɔdɔ so, de baakoyɛ ba asafo no mu.


KWASIADA : AKYƐDEƐ AHOROƆ. (1 Kor. 12:1-6)

Honhom akyɛdeɛ gu ahoroɔ na emu biara ho hia yie wɔ Kristo asafo no dwumadie mu. Ɛnam Honhom Kronkron no pɛ so na ɔde ma, sɛnea wɔde bɛboa asafo no. Enti ɛsɛ sɛ agyidifoɔ hunu sɛ, ankorankorɛ akyɛdeɛ no nyinaa wɔ mfasoɔ ma agyidifoɔ fekuo no nyinaa.


DWOADA: NEA ƐGU AHOROƆ MU BAAKOYƐ. (1 Kor. 12:12-31)

Paaul si sɛnea Kristo nipadua mu akwaa no gu ahoroɔ no so dua, berɛ a ɔde kasa te sɛ “akwaa bebree”, yɛn nyinaa, wɔbɔɔ yɛn asu“ de kyerɛ sɛ yɛnyɛ akwaa baako na mmom bebree. Nanso wɔama yɛn honhom akyɛdeɛ ahoroɔ a ne botaeɛ ne sɛ ɛbɛma baakoyɛ atena nea ɛgu ahoroɔ no mu. Paulo twe adwene si so sɛ, ɛmfa ho ne nea akyɛdeɛ no yɛ biara, Onyankopɔn ani bɛsɔ berɛ a wɔde di dwuma wɔ nyansa ne ɔdɔ kwan soɔ.


BENADA: ƆKWAN A ƐYƐ KYƐN BIRIBIARA. (1 Kor. 13:1-7, 1 Pet. 4:8-11)

Paulo ka sɛ, ɛnam ɔdɔ so nko ara na wɔbɛtumi de honhom fam akyɛdeɛ ahoroɔ no adi dwuma sɛnea ɛfata. Sɛ ɛnyɛ ɔdɔ na ɛkanyan wɔn a, mfasoɔ biara nni nea wɔka ne nkɔm a wɔhyɛ so. Paulo bɔɔ nea ɔdɔ yɛ so: ɛwɔ abodwokyɛre, ɛwɔ ayamyɛ, ɛne nokorɛ anigyeɛ, ɛtie ade nyinaa, ɛgye ade nyinaa di, ɛwɔ anidasoɔ ne ntoboaseɛ. Ɔdɔ nyɛ ahoɔyea, ahokyerɛ, ahomasoɔ, basabasa, pɛsɛmenkomenya, nni abufuo, da bɔne adi, ɛdwene papa ho. Ɔdɔ de nkabom ba baabiara.


WUKUADA: KASA HOROƆ AKYƐDEƐ NO. (1 Kor. 14:5, 13, 26-27, 12:10, 30)

Kasa foforɔ so nni mfasoɔ wɔ Awurade asafo mu. Kasa a, wo a, woreka nte aseɛ na wɔn a wɔteɛ nso nte aseɛ no ho nni mfasoɔ wɔ asafo no mu. Kasa ahoroɔ yɛ Honhom akyɛdeɛ, nea obi te aseɛ, na wɔtumi kyerɛ aseɛ ma nnipa te nea obi reka aseɛ. Ɛno na yɛde di dwuma wɔ Kristo asafo no mu. Akwanhwɛfoɔ nnye ntom sɛ kasa foforɔ yɛ Honhom Kronkron asubɔ ne nsohyɛdeɛ. Kasa biara a wɔka no Awurade asafo mu no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ deɛ asafo mma tumi te, na wɔtumi kyerɛ aseɛ nso.


YAWOADA: NKƆMHYƐ AKYƐDEƐ NO. (Efe. 4:11-13, 1 Kor. 14:3-4)

Paulo ka sɛ nkɔmhyɛ akyɛdeɛ no wɔ diberɛ a ɛkorɔn wɔ honhom akyɛdeɛ ahoroɔ no mu. Nkɔmhyɛ akyɛdeɛ no botaeɛ ne sɛ ɛbɛma nkɔsoɔ, afutuo ne awerɛkyekyerɛ. Ɛnyɛ nkɔmhyɛ dwumadie titire ne sɛ ɛbɛkyerɛ nea ɛbɛsi daakye nko ara, mmom ɛfa sɛnea wɔbɛsi atena ase yie seisei no ho anaa woreka Bible mu nsɛm sɛnea ɛteɛ. Memeneda Akwanhwɛfoɔ gye di sɛ wɔde nkɔmhyɛ akyɛdeɛ no maa Awuraa White na ɛda adi wɔ n'atwerɛ ahoroɔ mu.

TƆFA:

Akyɛdeɛ a ɛgu ahoroɔ no ma adwuma a wɔyɛ no nso gu ahoroɔ, nanso Onyankopɔn koro no ara na Ɔdi dwuma no wɔ wɔn nyinaa mu. Akyɛdeɛ biara a wo wɔ no fa yɛ adwuma. Fa mpaebɔ to Awurade anim srɛ ahoɔden. Nka sɛ worentumi nyɛ biribi. Awurade ani da wo so, ɛnni No hwammmɔ. Amen.

https://whatsapp.com/channel/0029VaW8PFWEAKWGqUGKyr0E