Worship • Fellowship • Mission
Wiamoase New Town, Wiamoase Ashanti, Ghana
Guidance
Bible
mail us on
info@wiamoasenorthdistrictadventists.org
Make a Call
+233 548 861 500
Submit prayer requests
contact us
blog
Home » Sabbath School  »  Mpanimfoɔ Homeda Sukuu Adesua Ɛtɔ So Nwɔtwe (8) Tɔfabɔ
Mpanimfoɔ Homeda Sukuu Adesua Ɛtɔ So Nwɔtwe (8) Tɔfabɔ
ADESUA 8: RENYA GYIDIE

NKAEBƆSƐM: Na afei gyidie ne ade a yɛn anidasoɔ ho ahotosoɔ ne nneɛma a yɛnhunu ho adansegyeɛ. (Heb. 11:1)

Onyankopɔn mu gyidie yɛ abɔdeɛ nyinaa ahiadeɛ. Saa gyidie no na ɛma yɛtumi toa so ne No nya nkitahodie berɛ biara. Ɛwom sɛ yɛmmfa yɛn ani nhunu Nyankopɔn deɛ nanso Ne nsa ano adwuma tumi yi No adi kyerɛ. Sɛ gyidie nnim a obi ntumi nsɔ Nyankopɔn ani, na ɛsɛ wɔn a wɔba Ne nkyɛn sɛ wɔsusu sɛ Ɔwɔ hɔ, na Wɔbɛma wɔn, wɔn ahiadeɛ nyinaa.

KWASIADA : MA ME NSƐNKYERƐNNE (Marko 8:11-12)

Onyankopɔn ama yɛn sɛnti ahoroɔ bebree a yɛbɛgyina so agye No adie. Ɔnam N’asɛm, Adiyifoɔ, Asɛmpakafoɔ ne N’abɔdeɛ so, nea ɛwɔ soro, nea ɛwɔ asase ne ɛpo mu, ada Ne ho adi. Enti berɛ a na Farasifoɔ no bisabisa No nsɛm, hwehwɛ ne nkyɛn sɛnkyerɛnne no, Yesu guu ahome kaa sɛ, wɔremma nnɛ mma yi nsɛnkyerɛnne biara. Nea ɛsɛ sɛ Awurade da no adi kyerɛ yɛn nyinaa, Ɔde ama yɛn. Ɛnsɛ sɛ yɛgye akyinnyeɛ sɛ Toma (Yoh. 20:29)

DWOADA: YESU HUNU YƐN GYIDIE (Mateo 15:21-28, Luka 7:1-10)

Kanaani baa bi bɛteateam kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi reha me babaa dodo.” Nanso Wammua no. Ɔbaa no nyaa akwanya bio de n’adeserɛ too Yesu anim. Yesu buaa ɔbaa no sɛ: “ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduane to ma nkraman mma.” Ɔbaa no mmuaeɛ no maa wɔnyaa ayaresa maa ne ba no. Saa ara na asraafoɔ ɔha so panin bi nso kyerɛɛ ne gyidie wɔ Yesu mu sɛ, sɛ Yesu kasa a, n’abɔfra no ho bɛyɛ no den. Amanmamufoɔ dodoɔ no ara kyerɛ wɔn gyidie wɔ Yesu mu, sene Yesu nkurɔfoɔ Yudafoɔ ankasa.

BENADA: GYIDIE NYƐ ATENKA (Efe. 2:8)

Yesu kaa sɛ, sɛ wowɔ gyidie sɛ sinapi aba fua a, anka mobɛtutu mmepɔ (Mat. 17:20). Ɛtwa sɛ yɛdi kan te aseɛ sɛ, gyidie nyɛ honam mu adeɛ, ɛyɛ Honhom Kronkron no na Ɔkaekae yɛn adwene, twe yɛn ba Ne nkyɛn berɛ a yɛrema No kwan saa. Gyidie mu na yɛnyaa nkwagyeɛ, a ɛyɛ Onyankopon adom a Ɔnam Ne Ba no wuo so de ama yɛn. Gyidie na ɛma yɛnya anigyeɛ atenka sɛ wɔde yɛn bɔne akyɛ yɛn, abu yɛn bem kwa, Kristo Yesu mu.

WUKUADA: GYIDIE HO NHWƐSOƆ AHOROƆ. (Heb. 11)

Hebrifoɔ nwoma no bobɔ gyidie mu akunini binom din. Habel, Henok, Noa, Abraham, Sara, Isak, Yakob, Yosef, Amram ne Yokebed, Mose, Rahab, Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid, Samuel ne ade. Gyidie ba berɛ a yɛreteaseɛ sɛ Onyankopɔn nam N’asɛm so kasa kyerɛ yɛn. Enti fa wo ho hyɛ daadaa Bible adesua ne mpaebɔ mu. Na srɛ Onyankopɔn sɛ Ɔnto wo gyidie mu. Srɛ Honhom Kronkron no, na Ɔmma wo Onyankopɔn asɛm mu nteaseɛ a ɛno bɛma wo ne No anya nkitahodie pa, na wo gyidie wɔ Ne mu no atumi anyini.

YAWOADA: YESU MU GYIDIE. (Adi. 14:12, Mateo 26:36-42)

Yesu mu gyidie ne sɛ woregye adie sɛ Onyankopɔn nam Yesu wuo wɔ asɛnnua no so apata agye yɛn ayɛ Ne mma bio. Yesu mu gyidie ne sɛ yɛregye adi sɛ ɔwɔ ɔsoro Kronkron mu Kronkronbea redi ma yɛn wɔ Agya no Anim. “Na nnam a yɛde kɔ Ne nkyɛn ne sɛ, yɛsrɛ biribiara sɛdeɛ Ɔpɛ a, Ɔtie yɛn.” Yesu gyidie ne sɛ Ɔde ne ho too Agya Nyankopɔn so. Na saa gyidie no na ɛsɛ sɛ yɛsua sɛ yɛde yɛn ho nam Ne so bɛto Onyankopɔn so ade nyinaa mu.

TƆFA:

Onyankopɔn nam Kristo mu gyidie so abu yɛn bem kwa. Wɔde yɛn mfomsoɔ akyɛ yɛn. Sɛ yɛto nsa frɛ Yesu ba yɛn abrabɔ mu a, yɛnam gyidie so bɛyɛ Onyankopɔn mma. Sɛ yɛn gyidie sua a, sɛ yɛde esu ne nkotosrɛ ba N’anim a, Ɔbɛyɛ anwanwadeɛ wɔ yɔn abrabɔ mu. Yɛrenya Yesu mu gyidie bɛma yɛada nso sɛ Onyankopɔn nkurofoɔ wɔ awieeɛ berɛ yi mu.