Worship • Fellowship • Mission
Wiamoase New Town, Wiamoase Ashanti, Ghana
Guidance
Bible
mail us on
info@wiamoasenorthdistrictadventists.org
Make a Call
+233 548 861 500
Submit prayer requests
contact us
blog
Home » Sabbath School  »  Mpanimfoɔ Homeda Sukuu Adesua A Ɛtɔ So Nnum (5) Tɔfabɔ.
Mpanimfoɔ Homeda Sukuu Adesua A Ɛtɔ So Nnum (5) Tɔfabɔ.

ADESUA 5: ADIYISƐM NE HONHOM MU NSƐM.

 

NKAEBƆSƐM: Yesu Kristo adiyie a Onyankopɔn de maa No sɛ ɔnkyerɛ Ne nkoa nea ɛtwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfoɔ so de bɛkyerɛɛ n'akoa Yohane a wadi Nyankopɔn asɛm ne Yesu Kristo adanseɛ ne deɛ ɔhunuiɛ nyinaa ho adanseɛ. (Adiyisɛm 1:1-2)

 

Ɔsomafoɔ Yohane a na ɔka Asomafoɔ Dumienu no ho no, nsa kaa adiyie nkrasɛm no Supɔ Patmo so. Na ɛyɛ awieɛ berɛ mu nkrasɛm a Onyankopɔn nam Kristo so de somaa Ne bofoɔ baa Yohane hɔ. Ɛnam Honhom Kronkron dwumadie so na Onyankopɔn de nkrasɛm no mmaa adasamma.  

 

KWASIADA : ADIYISƐM A ƐKASA FA BIRIBIARA HO NA ƐDA NSO. (Heb. 1:1-2)

Nea nti Onyankopɔn ani gye ho paa ara sɛ Ɔne yɛn bɛkasa, ne sɛ Ɔpɛ sɛ yɛhu nea bɔne ayɛ yɛn. Ɛde yareɛ, ɔwuo, amanehunu ne sɔhwɛ aba yɛn so. Nanso Ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ Ne dɔ wɔ hɔ ma yɛn. Ɔda N'ayamyɛ dɔ adi wɔ abɔdeɛ a atwa yɛn ho ahyia mu. Dawid se: “Ɔsoro ka Onyankopɔn animuonyam, na ewiem kyerɛ Ne nsa ano adwuma.” Berɛ a Ɔde abɔdeɛ kasa kyerɛ yɛn no, Ɔtoa so fa Honhom Kronkron so de Twerɛsɛm kasa kyerɛ adasamma nyinaa.

 

DWOADA: ATWERƐ NO HOMEGUO KWAN ASƐM. (2 Tim. 3:15-17, Yak. 1:17)

“Atwerɛ nyinaa firi Onyankopɔn home mu na ɛyɛ ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyie, atenetene ne tenenee mu yɛne.” Ɛsɛ sɛ yɛgye to mu sɛ Twerɛsɛm no nam Onyankopɔn Honhom mu na ɛbaeɛ na ɛnnam onipa pɛ so. Nkrasɛm no nam anisoaɖehunu ne daeɛ so na ɛba. Ɔkwan biara a Honhom Kronkron no faa so dii dwuma no, wɔmaa adiyifoɔ ne Twerɛsɛm atwerɛfoɔ no nokorɛ nkrasɛm a ɛfa botaeɛ bi ho, enti biribiara ntumi nsesa. Nhyira wɔ mu, sɛ yɛde yɛn ho bɛto Twerɛsɛm no so.

 

BENADA: NKRANSƐM A WƆDE ANO KA. (2 Pet. 1:18-21)

Onyankopɔn ne Adam ne Hawa kasaeɛ wɔ adebɔ ne ahweaseɛ no akyi. Ɔne Israelfoɔ no kasaeɛ wɔ Sinai, Ɔsane kasaeɛ wɔ Yesu asubɔ ne Ne nsakraeɛ no mu nso. Twerɛsɛm atwerɛfoɔ pii gye too mu sɛ wɔtee Onyankopɔn nne berɛ a Ɔne wɔn rekasa no. Mose, Yesaia, Yeremia ne Hesekiel di adanseɛ saa. Twerɛsɛm no Ɛnyɛ adiyifoɔ no nyinaa na woyɛɛ atwerɛfoɔ te sɛ: Noa, Natan, Elia, Elisa, Yohane Subɔni ne afoforɔ. Yesu Kristo ankasa nso antwerɛ bi, ka nea ɔtwerɛɛ wɔ fam no ho.  

 

WUKUADA: NKRANSƐM A WƆATWERƐ. (Exod. 17:14, Yoh. 20:30-31, 1 Kor. 10;11, Adi. 1:19)

Atwerɛ ma nsɛm a wɔka no tena hɔ daa, na ɛno ma wɔtumi de nkrasɛm no ma wɔ berɛ biara mu a ɛnsesa. Ɛnam sɛ Onyankopɔn Honhom no na Ɔkanyan adiyifoɔ no wɔ nsɛm  a wɔtwerɛɛ nti, nsɛm no nyinaa so wɔ mfasoɔ ma yɛn nkwagyeɛ. Ɛwom sɛ twerɛ no afa bi da yɛn nnɛ asetena ne yɛn gyidie adi deɛ nanso ɛne afa a aka no nyinaa wɔ botae korɔ, Kasa biara a Wɔde twerɛɛ Twerɛsɛm no mma Ne tumi ne ne mudie nsesa.

 

YAWOADA: ƆYƐKYERƐ, NSƐNKYERƐNNEƐ, MMEBUSƐM. (Hes. 4:1-8)

Na Apam Dada mu afɔrebɔ nhyehyɛɛ a ɛyɛ afɔrebukyia, afɔrebɔ mmoa, Mose ntomadan ne Yerusalem  asɔredan yɛ mfoni a, na ɛkyerɛ Kristo mpata afɔrebɔ ne Ne soro asɔfodie no soɔ. Daniel nkɔmhyɛ ahoroɔ, nipa honi kɛseɛ, mmoa ahoroɔ ne ahennie ne mmɛn ahoroɔ a egyina hɔ ma tumi ahoroɔ. Yesu ka fa Ne ho sɛ: Nkwa paano, Wiase Hann, Nokorɛ Bobe. Hosea ne ne yere Gomer, dwamanfoɔ aware ne Hesekiel benkum ne nifa nna. Onyankopɔn nam saa mmebudeɛ yi so bɔɔ Ne nkurfoɔ akyirisan ho kɔkɔ, hwehwɛɛ wɔn nokorɛ ahonnu ne adwenesakyera

 

FIADA: NEA ELLEN G. WHITE KA WƆ ADIYISƐM NE HONHOM MU NKANNYAN HO.

Onyankopɔn nam ne honhom so kyerɛ ne nkurɔfoɔ kwan. Ellen G. White kyerɛkyerɛɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde Bible no ne Onyankopɔn Asɛm no toto honhom mu nkyerɛkyerɛ biara ho hwɛ. Onyankopɔn de N’asɛm, Adiyisɛm ne N’akwankyerɛ ma ne nkurɔfoɔ. Ɛsɛ sɛ yɛde nea yɛkenkan anaa yɛte no toto Bible no ho hwɛ, na yɛhwɛ sɛ ɛne Onyankopɔn apɛde hyia anaa. Ɔtoa so ka sɛ, Onyankopɔn nam adiyisɛm so ma ne nkurɔfoɔ hu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Ɛnyɛ nea onipa biara ka sɛ Onyankopɔn na waka no nyinaa na ɛyɛ nokorɛ. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛhunu nokware no a, yɛnkenkan Bible no daa, yɛmmɔ mpaeɛ, yɛnsɔ nkyerɛkyerɛ nhwɛ wɔ Bible no mu na yɛnyɛ nea Onyankopɔn Asɛm kyerɛ yɛn daa. Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ankasa adwene, nkurɔfoɔ nsusuiɛ anaa wiase no nneyɛe di yɛn anim sen Onyankopɔn Asɛm.

ADESUADEƐ: Ɛnyɛ sɛ yɛbɛkenkan Onyankopɔn Asɛm nko ara, na mmom yɛbɛyɛ nea ɛkyerɛ yɛn no nso. https://whatsapp.com/channel/0029VaW8PFWEAKWGqUGKyr0E